Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 7:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛfiri sɛ aka nnanson na matɔ osuo agu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapepa adeɛ a nkwa wɔ mu a mayɛ nyinaa afiri asase ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛfiri sɛ aka nnanson na matɔ osuo agu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapepa adeɛ a nkwa wɔ mu a mayɛ nyinaa afiri asase ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nnanson akyi no mɛma osu atɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔde biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afi asase so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nnanson sɛ ɛnnɛ pɛpɛɛpɛ, mɛma osuo atɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afiri asase so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Efisɛ aka ɛha nnansɔn na matɔ osu magu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapopa ade a nkwa wom nyinaa afi asase ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 7:4
23 Iomraidhean Croise  

Na afuo mu nnua nyinaa nnya mmaa asase so, na afuo mu nhahan nyinaa nnya mfifirii, ɛfiri sɛ na AWURADE Nyankopɔn nnya ntɔɔ nsuo nguu asase no so, na na onipa a ɔbɛdɔ asase nni hɔ.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Abɔdeɛ nyinaa awieeɛ aba m’anim, ɛfiri sɛ wɔn awurukasɛm ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.


Na hwɛ, me, mede nsuyire bɛba asase so mabɛsɛe abɔdeɛ a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa ɔsoro ase; asase so adeɛ nyinaa rebɛwuwu.


Na AWURADE kaa sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ wɔyɛ honam, enti ne nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu.


Na AWURADE kaa sɛ: Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase ani, ampa ara, ɛfiri onipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so, ɛfiri sɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn.


Na nnanson akyiri no, nsuyire baa asase so.


Na osuo tɔɔ asase so pii adaduanan, awia ne anadwo.


Na nsuyire no baa asase so adaduanan, na nsuo no yiriiɛ, na ɛmaa adaka no so firii asase so.


ewiem nnomaa mu nso fa nson nson, anini ne abedeɛ, na wɔn ase nnya nkwa asase nyinaa ani.


Na ɔtwɛn nnanson bio, na ɔsomaa aburuburo firii adaka no mu bio.


Na ɔtwɛn nnanson bio no, ɔsomaa aburuburo no; na wansane amma ne nkyɛn bio.


Na ebunu no nsuo aniwa sisii, na ɔsoro mpomma mu totoe, maa osuo a ɛfiri soro no gyaee tɔ;


Wɔn a wɔpraa wɔn kɔeɛ ansa na ɛberɛ reduro, na wɔn nnyinasoɔ sene kɔɔ sɛ asuo no.


Ɔhyɛɛ mframa duro too hɔ, na ɔhyɛɛ nsuo sɛ ne nsusuiɛ teɛ no,


Ma wɔnyi wɔn mfiri ateasefoɔ nwoma mu, na mma wɔnntwerɛ wɔne ateneneefoɔ din mmmom.


Ɛno nti, sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meretu wo afiri asase ani: Afe yi na wobɛwuo, ɛfiri sɛ woaka atuateɛ atia AWURADE.


Na me nso mekamee mo osutorɔ abosome mmiɛnsa a ɛdi otwa anim no mu, na metɔɔ osuo guu kuro baako so, na mantɔ bi angu kuro baako so. Afuo baako nyaa osuo, na afuo a ebi antɔ angu soɔ no hyee.


Deɛ ɔdi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa saa, na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu, na mɛbɔ ne din m’Agya ne n’abɔfoɔ anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan