Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 7:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na abɔdeɛ a ɛte aseɛ nyinaa, nnomaa, ntɔteboa, wiram mmoa, mmoa a wɔwea asase soɔ, ne nnipa nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na abɔdeɛ a ɛte aseɛ nyinaa, nnomaa, ntɔteboa, wiram mmoa, mmoa a wɔwea asase soɔ, ne nnipa nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛnam asase so te sɛ nnomaa, wuram mmoa a wɔwea asase so ne adesamma ase hyewee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a ɛnam asase so te sɛ nnomaa, wiram mmoa a wɔwea asase so ne adasamma ase hyeeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na abɔde a ɛkeka ne ho asase so nyinaa wuwui, nnomaa, ntɔteboa, wuram mmoa, mmoa a wɔwea asase so nyinaa, ne nnipa nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 7:21
20 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn yɛɛ asase so mmoadoma, ntɔteboa ne mmoa a wɔwea fam nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Abɔdeɛ nyinaa awieeɛ aba m’anim, ɛfiri sɛ wɔn awurukasɛm ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.


Na hwɛ, me, mede nsuyire bɛba asase so mabɛsɛe abɔdeɛ a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa ɔsoro ase; asase so adeɛ nyinaa rebɛwuwu.


Ɛfiri sɛ aka nnanson na matɔ osuo agu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapepa adeɛ a nkwa wɔ mu a mayɛ nyinaa afiri asase ani.


anka honam nyinaa bɛgyaa mu prɛko, na onipa bɛsane akɔ dɔteɛ mu.


Dwirie na asase dwirie, paeɛ na asase paeɛ, popoɔ na asase popoɔ.


Enti na nnome amene asase, na ɛsotefoɔ di fɔ; enti na asase sofoɔ ahyeɛ, na aka so adasamma ketewaa bie.


Enti asase no di abooboo, na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam, ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa; na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.


Ogya hye di wɔn anim, na ogyaframa tafere di wɔn akyi; wɔn anim asase te sɛ Eden turo, na wɔn akyiri deɛ yɛ ɛserɛ pradada, na biribiara remfiri wɔn anim nkɔ.


Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa akɔ, ne suntidua ɛne abɔnefoɔ, na matwitwa nnipa afiri asase ani agu, AWURADE asɛm nie.


na wɔanhunu de kɔsii sɛ nsuo bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.


Wɔdidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa awadeɛ de kɔsii da a Noa hyɛnee adaka no mu, na nsuyire no baeɛ, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.


Na wɔde abɔdeɛ no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ ɛno ara na ɛpɛ, na mmom deɛ ɔde hyɛɛ aseɛ no ntira, anidasoɔ mu,


Na yɛnim sɛ abɔdeɛ nyinaa penepene, na ɛko awoɔ bɛduru nnɛ yi.


na sɛ wankora tete wiase no, na mmom Noa a ɔyɛ tenenee sɛnkafoɔ ne nnipa baason a wɔka ne ho na ɔgyee wɔn na ɔde nsuyire bɛkataa amumuyɛfoɔ wiase soɔ no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan