Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 7:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Noa dii mfirinhyia ahansia no, bosome a ɛtɔ so mmienu no dadu nnanson soɔ, da no ara, ebunu kɛseɛ no nsuo ani nyinaa paepaee, na ɔsoro mpomma buebuee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Noa dii mfirinhyia ahansia no, bosome a ɛtɔ so mmienu no dadu nnanson soɔ, da no ara, ebunu kɛseɛ no nsuo ani nyinaa paepaee, na ɔsoro mpomma buebuee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Noa dii mfe ahansia no mu no, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunson no, nsuti a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔe, na ɔsoro mfɛnsere nso buebuei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Noa dii mfeɛ ahansia no mu no, bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunson no, nsutire a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔeɛ, na ɛsoro mpomma nso buebueeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Noa nkwa mu afe a ɛto so ahansia mu, ɔsram a ɛto so abien so, ɔsram no dadu nnansɔn so, da no ara ebun kɛse no nsu aniwa nyinaa paepaee, na ɔsoro mfɛnsere buebuei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 7:11
27 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn yɛɛ ahunumu ntrɛmu. Na ɔpaee nsuo a ɛwɔ ewiem no aseɛ ne deɛ ɛwɔ ewiem no soɔ no mu. Na ɛyɛɛ saa.


Na hwɛ, me, mede nsuyire bɛba asase so mabɛsɛe abɔdeɛ a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa ɔsoro ase; asase so adeɛ nyinaa rebɛwuwu.


Ɛberɛ a nsuyire no baa asase soɔ no na Noa adi mfirinhyia ahansia.


Bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so aduonu nson no na na asase so awo koraa.


Na ebunu no nsuo aniwa sisii, na ɔsoro mpomma mu totoe, maa osuo a ɛfiri soro no gyaee tɔ;


Na ɔsafohene no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi anaa? Na ɔse: Hwɛ, wo deɛ, wode w’ani bɛhunu, na worenni bi.


Ɛnna okunini a ɔhene twere ne nsa soɔ no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ɔse: Wo ara wode w’ani bɛhunu, na worenni bi.


Hwɛ, ɔsianka nsuo ma no we, nanso ɔgyaa mu ma no butu asase.


Ɔtu nkoron deɛ obi nteɛ hɔ, anammɔn a ɛtwam werɛ firi no, ɔsensɛne hɔ, ɔdi ahim deɛ ɔdasani biara nnie hɔ.


Woakɔ ɛpo aniwa ho, na woanante bunu donkodonko ase?


Hwan na ɔde nyansa kan mununkum, na ɔsoro nkotokuo no, hwan na ɔdane no


Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo, ɔde ebunu sie deɛ ɛhɔ dɔ.


Wo na woyii nsuo ani ne asubɔnten, womaa asukɛseɛ a ɛsene daa wee.


ne nimdeɛ so na abunu mu nsuo paeeɛ, na mununkum sosɔ obosuo.


na deɛ ɔdwane firi ehu nkateɛ ho no bɛtɔ eku mu, na deɛ ɔforo firi eku no mu no, wɔde fidie bɛyi no. Na wɔhinihini soro mpomma, na asase nnyinasoɔ wosowoso.


Dwirie na asase dwirie, paeɛ na asase paeɛ, popoɔ na asase popoɔ.


Monsuro me? AWURADE asɛm nie, anaasɛ mo akoma ntu m’anim? Me a mede anwea meto po ano hyeɛ, daa hyeɛ a ɛntumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkyeɛ bɔ a, ɛntumi no, na sɛ ɛhuru sɛ deɛn ara a, ɛntumi ntra.


Aprannaa bom a, ɔma nsu dodoɔ ba ɔsoro, na ɔma nsuwisie tu firi asase ano nohoa; ɔyɛ anyinam ka osuo ho, ɔtu mframa firi n’adekorabea hɔnom.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ meyɛ wo nkurofo sɛ nkuro a wɔntena mu bio, sɛ mede ebunu meba wo so ma nsuo kɛseɛ bebree wo so a,


Momfa ntotosoɔ du du no nyinaa mmra adekoradan mu, na aduane ntena me fie; na momfa yei nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, sɛ meremmue ɔsoro mpomma memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma no mmoro so anaa?


Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no mu wɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, wɔwareeɛ na wɔmaa awadeɛ de kɔsii da a Noa hyɛnee adaka no mu,


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


Wɔn so ara na ɛnam na nsuo yiri sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ wɔn berɛ so no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan