Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 6:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na AWURADE kaa sɛ: Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase ani, ampa ara, ɛfiri onipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so, ɛfiri sɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na AWURADE kaa sɛ: Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase ani, ampa ara, ɛfiri onipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so, ɛfiri sɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade kae se, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afi asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne wim nnomaa, efisɛ manu me ho sɛ mebɔɔ wɔn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade kaa sɛ, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne ewiem nnomaa, ɛfiri sɛ, ɛyɛ me ya sɛ mebɔɔ wɔn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na AWURADE kae sɛ: Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no mafi asase ani, efi onipa so kosi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne wim nnomaa so, efisɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 6:7
21 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ onipa wɔ asase soɔ, na ɛyɛɛ no ya n’akomam.


Na abɔdeɛ a ɛte aseɛ nyinaa, nnomaa, ntɔteboa, wiram mmoa, mmoa a wɔwea asase soɔ, ne nnipa nyinaa;


Ɛfiri sɛ aka nnanson na matɔ osuo agu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapepa adeɛ a nkwa wɔ mu a mayɛ nyinaa afiri asase ani.


Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.


Na abɔnefoɔ deɛ, wɔbɛyera, na AWURADE atamfoɔ bɛyɛ sɛ ɛserɛ so nhwiren, wɔbɛhye awie sa sɛ wisie.


AWURADE suro to nna so, na abɔnefoɔ mfeɛ deɛ, wɔbɛtwa so.


AWURADE yɛ ade nyinaa ma botaeɛ bi nti, ɔbɔnefoɔ mpo ma da bɔne.


Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu, mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu, enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn, na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Enti asase no di abooboo, na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam, ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa; na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.


AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho: Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ɔseɛ.


AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho. Yei nso renyɛ hɔ! AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.


Wɔn sika ne wɔn dwetɛ nso rentumi nnye wɔn AWURADE abufuo da no, na ne ninkuntwe gya no mu na asase no nyinaa bɛhyeɛ, na ɔdwerɛ a ɛba mpofirim ara na ɔde bɛba asase sofoɔ nyinaa soɔ.


Pra na mɛpra ade nyinaa afiri asase ani akorɔ, AWURADE asɛm nie.


Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa akɔ, ne suntidua ɛne abɔnefoɔ, na matwitwa nnipa afiri asase ani agu, AWURADE asɛm nie.


Na sɛdeɛ AWURADE ani gyee mo ho sɛ ɔbɛyɛ mo yie na wama moadɔre no, saa ara nso na AWURADE ani bɛgye mo ho sɛ ɔbɛsɛe mo na wadwerɛ mo; na wɔbɛtutu mo afiri asase a morekɔ hɔ akɔdi soɔ no so.


AWURADE rempene mfa nkyɛ no, na ɛno de AWURADE abufuo ne ne ninkuntwe bɛpunu onipa ko no, na nseɛ a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa bɛduru no, na AWURADE bɛpepa ne din afiri asase so.


Manu me ho sɛ mede Saulo sii hene, ɛfiri sɛ wasane afiri m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛho, na ɔsu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan