Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 6:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade Nyankopɔn huu sɛ adesamma amumɔyɛ adɔɔso wɔ asase so, na nnipa nsusuwii nyinaa yɛ bɔne nko ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade Onyankopɔn hunuu sɛ adasamma amumuyɛ adɔɔso wɔ asase so, na nnipa nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na AWURADE hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 6:5
24 Iomraidhean Croise  

Nso na Sodomfoɔ yɛ atirimuɔdenfoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ kɛse, AWURADE anim.


Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.


Na nkantom deɛ ne ho yɛ nwunu na waporɔ, onipa a ɔnom amumuyɛ sɛ nsuo!


Wobɛfa tete tempɔn no a mma busufoɔ nantee soɔ no so anaa?


Onyankopɔn firi soro hwɛ nnipa mma, sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.


akoma a ɛdwene mmusuo adwene, nan a ɛyɛ herɛ tu mmirika kɔ bɔne mu;


Hwɛ, yei nko na mehunuu sɛ: Onyankopɔn yɛɛ onipa tee, na wɔn ara na wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.


Yei yɛ bɔne deɛ wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa mu, sɛ nkrabea korɔ da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ adasamma akomam ma, na adammɔ wɔ wɔn akoma mu ara wɔn asetena mu, na ɛno akyiri no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn.


Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nnaadaa sene adeɛ nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara, hwan na ɔbɛnya mu ahunuyɛ?


Hohoro w’akoma ho firi bɔne mu, O Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkɔsie?


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wohunu deɛ Israel fie mpanimfoɔ reyɛ no esum mu, wɔn ahoni mpia mu mmaako mmaako? Ɛfiri sɛ wɔka sɛ: AWURADE nhu yɛn, AWURADE agya asase no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛne mu kɔhwɛ akyiwadeɛ bɔne a wɔreyɛ no wɔ ha.


Na akoma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayefasɛm, adwamansɛm, awifosɛm, adansekurumu ne abususɛm fire.


Na sɛdeɛ Noa nna no yɛeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.


Na sɛdeɛ ɛyɛɛ Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ Onipa Ba no nna mu.


na sɛ ɔte nseɛ yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho n’akoma mu anka sɛ: Menam m’akoma denyɛ mu deɛ, nanso mɛnya asomdwoeɛ; na wɔansesa deɛ wanom ne deɛ sukɔm de no ammom.


Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a wɔtaa yɛ mfomsoɔ, som akɔnnɔ ne anigyedeɛ ahodoɔ, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentane wɔn ho wɔn ho.


a tete no wɔyɛ asoɔdenfoɔ, ɛberɛ a Nyankopɔn abodwokyɛre twɛneeɛ, Noa nna a wɔreyɛ adaka no mu. Emu na akra kakraa bi a wɔn ano si baawɔtwe nyaa nkwa nsuo no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan