Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 6:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Yɛ adaka no ho mpomma, kɔsi sɛ aka anammɔn baako ne fa na aduru soro, na si adaka no ano pono ne nkyɛn mu, na yɛ nsamsoɔ mmiɛnsa, deɛ ɛdi aseɛ, deɛ ɛdi ntam ne deɛ ɛdi soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Yɛ adaka no ho mpomma, kɔsi sɛ aka anammɔn baako ne fa na aduru soro, na si adaka no ano pono ne nkyɛn mu, na yɛ nsamsoɔ mmiɛnsa, deɛ ɛdi aseɛ, deɛ ɛdi ntam ne deɛ ɛdi soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Bɔ adaka no so. Ma ne sorokɔ nyɛ bɛyɛ sɛ nsateaa dunwɔtwe. Fa ɔpon to adaka no nkyɛn, na yɛ nsɛmso abiɛsa; nea edi kan, nea ɛda ntam ne nea ɛwɔ soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Bɔ adaka no so. Ma ne ɔsorokɔ nyɛ bɛyɛ sɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Fa ɛpono to adaka no nkyɛn, na yɛ nsamsoɔ mmiɛnsa; deɛ ɛdi ɛkan, deɛ ɛda ntam ne deɛ ɛwɔ soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Yɛ adaka no ho mfɛnsere, enkosi sɛ aka basafa biako na adu soro, na si adaka no ano pon ne nkyɛn mu, na yɛ nsɛmso abiɛsa, nea edi ase, nea edi ntam ne nea edi soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 6:16
9 Iomraidhean Croise  

Na sɛdeɛ yɛ no nie: Ne ntwemu basafa ɔha aduonum, ne trɛ basafa aduonu nnum, ne korɔn basafa dunum.


Na hwɛ, me, mede nsuyire bɛba asase so mabɛsɛe abɔdeɛ a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa ɔsoro ase; asase so adeɛ nyinaa rebɛwuwu.


Wɔn a ɛbaeɛ no, na wɔyɛ honam nyinaa mu anini ne abedeɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no; na AWURADE too no mu.


Na ɛno akyiri adaduanan no, Noa buee adaka no mpomma a ɔyɛeɛ no,


Na ɛbaa sɛ AWURADE adaka no duruu Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehurihuri na ɔresa AWURADE anim, na ɔbuu no animtia n’akoma mu.


Ɛnna Yehu baa Yesreel. Na Isebel teeɛ no, ɔkekaa n’ani ho adubire, na ɔhyehyɛɛ ne ti, na ɔhwɛɛ mpomma mu.


Apono ase ne mpomma aniahunuankansa ne mmrannaa a ɛtwa ne mmiɛnsa no ho hyia no, aponnwa a wɔde dua adura ho ahyia no, ne fam de kɔka mpomma no ho no, ne (mpomma a wɔakatakata ho no),


ɛda abannwa a ɛwɔ fie no ntentensoɔ, ɛyɛ basafa du; abrannaa hwɛ abrannaa anim, nsamsoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa mu,


Ɛfiri berɛ a efiewura no bɛsɔre ato pono mu no ara na mobɛfiri aseɛ agyina akyire, na moabɔ ɛpono no mu sɛ: Owura, hini yɛn! Na ɔbɛbua mo sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan