Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 6:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na asase asɛe wɔ Nyankopɔn anim, na awurukasɛm ahyɛ asase so ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na asase asɛe wɔ Nyankopɔn anim, na awurukasɛm ahyɛ asase so ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na bɔne ahyɛ asase so ma a, amumɔyɛsɛm adɔɔso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na bɔne ahyɛ asase so ma a amumuyɛsɛm adɔɔso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na awurukasɛm ahyɛ asase so ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 6:11
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ wɔ AWURADE anim; enti na wɔka sɛ: Ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a ɔwɔ tumi AWURADE anim te sɛ Nimrod nie.


Nso na Sodomfoɔ yɛ atirimuɔdenfoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ kɛse, AWURADE anim.


Na Noa woo mmammarima baasa, Sem, Ham, ne Yafet.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fiefoɔ nyinaa, monkɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ wo na mahu wo sɛ ɔteneneeni m’anim, ɛberɛ yi mu.


sɛ w’akoma ayɛ bɛtɛbɛtɛ, na woabrɛ wo ho ase Nyankopɔn anim, ɛberɛ a wotee ne nsɛm, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, na woabrɛ wo ho ase m’anim asunsuane wo ntadeɛ mu, asu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ.


AWURADE sɔ ɔteneneeni hwɛ, na ɔbɔnefoɔ ne deɛ ɔpɛ amim deɛ, ne kra tane no.


Mma ɔtɛkyerɛmafoɔ nntintim asase so, ɔboɔdurufoɔ, ma bɔne nti no yerɛdɛdɛ.


AWURADE, yɛ wɔn basabasa, paepae wɔn tɛkyerɛma mu, na mahunu amimdie ne aperedie, kuro no mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔ, na wo man a wode wɔn firi Misraim asase so baeɛ no redi asɛmmɔne;


Wɔrente nhyɛsoɔ nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛeɛ ne bubuo nka w’ahyeɛ mu; na wobɛfrɛ w’afasuo Nkwagyeɛ, ne wo kuro apono nso Ayeyie.


Sɛdeɛ asubura mu nsuo pu ba no, sɛ ne bɔne nso pu ba ne no; wɔte atirimuɔden ne nhyɛsoɔ nka wɔ mu, yadeɛ ne akuro wɔ m’anim daa.


W’adwadie dodoɔ nti na wɔde amimdie hyɛɛ wo mu ma, na woyɛɛ bɔne, na metoo wo firi Nyankopɔn bepɔ so sɛ afideɛ, na kerub a ɔbɔ wo ho ban no, pamm wo firi ogya aboɔ no ntam.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahunu yei? Ɛyɛ hare ma Yuda fie sɛ wɔyɛ akyiwadeɛ a wɔyɛ no ɛha yi, sɛ wɔde atirimuɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasane abɛhuru me boɔ? Na hwɛ, wɔde duban no ka wɔn hwene.


O AWURADE, menteam nkɔsi da bɛn ara na wobɛtie me? Nhyɛsoɔ nti mesu mefrɛ wo, nanso wonnye me.


Na wo Babel, asɛmmɔne a wɔde dii Lebanon ne mmoa sɛeɛ a ɛbɔɔ wɔn binim no, nnipa mogya a woaka aguo, ne nhyɛsoɔ a wode ahyɛ asase, kuro ne emufoɔ nyinaa so no nyinaa bɛbua w’atifi.


Ɛsiane sɛ woafom amanaman pii afa nti, na woaka nnipa mogya agu, ne nhyɛsoɔ a wode ahyɛ asase, nkuro ne emufoɔ nyinaa soɔ nti aman mu nkaeɛ nyinaa bɛfom wo nso afa.


Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,


Na ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔyɛ ateneneefoɔ wɔ Nyankopɔn anim, na mmom mmara sodifoɔ na wɔbɛbu wɔn bem.


Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.


Na menim sɛ me wuo akyiri no, sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, na moamane afiri ɔkwan a mahyɛ mo no so, na bɔne abɛto mo daakye, ɛfiri sɛ mobɛyɛ AWURADE anim bɔne, na mode mo nsa ano adwuma bɛhyɛ no abufuo.


Na sɛ ɔtemmufoɔ no wu a, wɔsane wɔn akyi na wɔsɛe sene wɔn agyanom, di anyame foforɔ akyiri som wɔn sɔre wɔn; wɔannyae wɔn amumuyɛ ne wɔn kɔnseneeɛ kwan so nanteɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan