Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 48:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na me deɛ, mefiri Padan baeɛ no, Rahel wui m’anim wɔ Kanaan asase so wɔ kwan mu, na aka kwantiaa bi na wɔaduru Efrat, na mesiee no hɔ wɔ Efrat (a ɛne Betlehem) no kwan nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na me deɛ, mefiri Padan baeɛ no, Rahel wui m’anim wɔ Kanaan asase so wɔ kwan mu, na aka kwantiaa bi na wɔaduru Efrat, na mesiee no hɔ wɔ Efrat (a ɛne Betlehem) no kwan nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Bere a mifi Paddan-Aram reba no, ababaa Rahel wuu wɔ ɔkwan mu ma ɛyɛɛ me yaw. Na aka akwansin kakraa bi na yɛadu Efrat. Ɛno nti, misiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛberɛ a mefiri Paddan-Aram reba no, ababaawa Rahel wuu wɔ ɛkwan mu, ma ɛyɛɛ me ya. Na aka akwansini kakra na yɛaduru Efrat. Ɛno enti, mesiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na me de, mifi Padan mebae no, Rahel wui m'anim wɔ Kanaan asase so wɔ ɔkwan mu, na aka ɔkwantiaa bi na wadu Efrat, na misiee no hɔ wɔ Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 48:7
13 Iomraidhean Croise  

Na Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka, Aramni Betuel ba a ɔfiri Mesopotamia no ne Aramni Laban nua.


Na Yakob firii Mesopotamia no, ɔnam bɛduruu Sekem kuro a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no mu dwoodwoo, na ɔsisii ne ntomadan wɔ kuro no anim.


Na Yakob sii ne da so dum, ɛne Rahel da so dum de bɛsi nnɛ.


Na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ Yakob bio, ne ba a ɔfirii Mesopotamia baeɛ no mu, na ɔhyiraa no.


Na wo mma a wobɛnya wɔn wɔ wɔn akyiri no na ɛnyɛ wo dea, na wɔde wɔn nuanom din bɛfrɛ wɔn wɔ wɔn agyapadeɛ mu.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.


Wɔtee nne bi Rama, esu ne awerɛhoɔ kɛseɛ; Rahel resu ne mma, na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hɔ.


Ɔbarima no din de Elimelek, na ne yere din de Naomi, na ne mmammarima baanu no din de Mahlon ne Kilion, wɔyɛ Efratifoɔ a wɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda. Na wɔduruu Moab asase so, na wɔtenaa hɔ.


Na Efratini barima bi wɔ hɔ a ɔfiri Ramataim-sofim, Efraim bepɔ soɔ a ne din de Elkana, Suf ba, Tohu ba, Elihu ba, Yeroham ba.


Wofiri me nkyɛn nnɛ rekorɔ yi, wobɛto mmarima baanu wɔ Selsa, Rahel da so, Benyamin hyeɛ so, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Mfunumu a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na hwɛ, w’agya agyae mfunumu no ho dwene, na mo so na ne dadwen abɛsie sɛ: Menyɛ dɛn me ba yi ho?


Na Samuel yɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Betlehem. Na kuro no mu mpanimfoɔ de ahopopoɔ bɛhyiaa no bisaa no sɛ: Woaba no asomdwoeɛ mu anaa?


Nso Dawid yɛ Efratini a ɔfiri Betlehem Yuda a wɔfrɛ no Yisai a ɔwɔ mmammarima baawɔtwe no ba. Na Saulo nna no mu na ɔbarima no abɔ akora a ne mfeɛ akɔ anim ara yie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan