Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 48:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bɛdi mo akyi, na ɔde mo asane akɔ mo nananom asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bɛdi mo akyi, na ɔde mo asane akɔ mo nananom asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Merebewu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasan de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Merebɛwu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasane de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bedi mo akyi, na ɔde mo asan akɔ mo agyanom asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 48:21
29 Iomraidhean Croise  

Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahodeɛ a wɔanya nyinaa ne nnipa a wɔnyaa wɔn wɔ Haran, na wɔfirii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so; na wɔkɔduruu Kanaan asase so.


Na ɔman a wɔbɛsom wɔn no, mɛbu wɔn atɛn, na akyire yi no, wɔde ahodeɛ pii bɛfiri hɔ akɔ.


Na awoɔ ntoatoasoɔ nnan mu na wɔbɛsane aba ha, ɛfiri sɛ Amorifoɔ amumuyɛ nnya nnurui.


Tena asase yi so sɛ ɔhɔhoɔ, na mɛdi w’akyi na mahyira wo, ɛfiri sɛ wo ne w’asefoɔ na mede nsase yi nyinaa bɛma mo, na mɛma ntam a mekaa w’agya Abraham no agyina.


Na hwɛ, mɛdi w’akyi, na mahwɛ wo so baabiara a wobɛkorɔ, na mama woasane aba asase yi so. Na merennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma deɛ maka makyerɛ woɔ yi aba mu.


Na Yakob tenaa asase a n’agya yɛɛ so hɔhoɔ a ɛne Kanaan asase no so.


Me ne wo bɛsiane akɔ Misraim, na mede wo asane aba nso, na Yosef deɛ, ne nsa so na wo bɛwuo.


Na Israel nna duruu sɛ ɔbɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, fa wo nsa ka m’asene mu, na yɛ me adɔeɛ di me nokorɛ, na nsie me Misraim!


Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.


Na Farao kaa sɛ: Kɔ, na kɔsie w’agya, sɛdeɛ ɔmaa wokaa ntam no.


AWURADE te ase, na nhyira ne me botantim no. Na me nkwagyeɛ Nyankopɔn no, wɔmma no so.


Awurade, afei woregya w’akoa kwan asomdwoeɛ mu sɛdeɛ w’asɛm seɛ;


Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;


ɛnneɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛdane wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasane aboa wo ano afiri aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.


Na AWURADE, ɔno na ɔredi w’anim, ɔno na ɔbɛdi w’akyire, ɔrempa wo na ɔrennya wo; nsuro na mma w’akoma nntu.


Na me deɛ, wɔanya rehwie me agu sɛ ahwiesa, na me berɛ a mede bɛsɔre ha ahi.


ɔnni agya nni na nni awoɔ ntoatoasoɔ, ɔnni nna mfitiaseɛ anaa nkwa awieeɛ, na wɔde no toto Nyankopɔn Ba no ho a, ɔyɛ ɔsɔfoɔ afebɔɔ.


Na ɛha, nnipa a wɔwuo na wɔgye ntotosoɔ du du, na ɛhɔ deɛ, deɛ wɔdi ne ho adanseɛ sɛ ɔte aseɛ no.


Obiara biara rentumi nnyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.


Menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma w’akoma nntu anaa? Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi deɛ wokorɔ nyinaa.


Na hwɛ, me deɛ, ɛnnɛ merekɔ asase sofoɔ nyinaa kwan; na monhunu mo akoma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ asɛm baako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a AWURADE mo Nyankopɔn kaa no wɔ mo ho no nyinaa mu, ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm baako mpo antɔ fam.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mayɛ wo kɛseɛ Israel nyinaa ani soɔ, na wɔahunu sɛ, sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire.


ɛfiri sɛ, menim sɛ pa a wɔbɛpa me ho ntomadan yi bɛba ntɛm so, sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nso ayi akyerɛ me no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan