Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 48:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na enyini nti, na Israel ani so ayɛ no kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie. Na ɔde wɔn pinii ne nkyɛn; na ɔfee wɔn ano yɛɛ wɔn atuu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na enyini nti, na Israel ani so ayɛ no kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie. Na ɔde wɔn pinii ne nkyɛn; na ɔfee wɔn ano yɛɛ wɔn atuu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Saa bere no, esiane onyin nti, na Israel ani so ayɛ wusiwusi a onhu ade papa. Ne saa nti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fifew wɔn ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Saa ɛberɛ no, ɛsiane onyini enti, na Israel ani so ayɛ wisiwisi a, ɔnhunu adeɛ papa. Ne saa enti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ, ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fefee wɔn ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na onyin nti, Israel ani so ayɛ no kusukusu a onhu ade yiye. Na ɔde wɔn bɛn no; na ofew wɔn ano yɛɛ wɔn atuu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 48:10
13 Iomraidhean Croise  

Na Isak bɔɔ akɔkoraa na n’ani so yɛɛ no kusukusu na ɔnhunu adeɛ yie no, ɔmaa wɔfrɛɛ ne ba panin Esau ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba! Na ɔgyee so sɛ: Agya, menie.


Na ɔtwe pinii kɔfee n’ano. Na Isak huaa n’atadeɛ mu hwa hwɛe, na ɔhyiraa no sɛ: Hwɛ, me ba ho hwa te sɛ afuo a AWURADE ahyira soɔ mu hwa.


Na Laban sɔree anɔpatutu, na ɔfee ne nananom ne ne mmammaa no ano hyiraa wɔn, na ɔsii mu sane kɔɔ ne kurom.


Na ɔfefee ne nuanom nyinaa ano, na ɔsuu wɔ wɔn so, na ɛno akyiri no ne nuanom no ne no kasae.


Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Mansusu sɛ mɛhunu w’anim, na hwɛ, Onyankopɔn ama mahunu wo mma nso.


Na Israel hunuu Yosef mma no, ɔkaa sɛ: Hwannom nie?


Na ɔgyaa anantwie no hɔ, na ɔtuu mmirika dii Elia akyi kaa sɛ: Ma menkɔ kra m’agya ne me na, na memmɛdi w’akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na bra, na ɛdeɛn na mayɛ woɔ yi?


ɛda a efie awɛmfoɔ ho bɛpopoɔ, na mmarima ahoɔdenfoɔ no mu akonton, na ayuyamfoɔ agyaeɛ, sɛ wɔasua nti, na wɔn a wɔhwɛ mpomma mu ani so ayɛ wɔn kusuu;


Hwɛ, AWURADE nsa nyɛ tiaa a ɛnso ɔgyeɛ, na n’aso mu nyɛ den a ɛrente asɛm,


Ma ɔman yi akoma mpirim, na wɔn aso mu nyɛ duru, na ka wɔn ani femfam so, na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn akoma anhunu mu, na wɔansakyera, na wɔansa wɔn yadeɛ.


Na Mose wuiɛ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduonu. N’ani anyɛ kusukusu, na n’ahoɔden so anhwan.


Na ɛberɛ no mu, ɛbaa sɛ da bi a Eli da ne daberɛ no, — nso na n’ani afiri aseɛ ayɛ kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie, —


Nso na Eli adi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe, na n’ani so ayɛ wisiwisi, na ɔnhunu adeɛ yie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan