Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 47:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Yosef bɔɔ n’agya ne ne nuanom ne n’agya fiefoɔ nyinaa akɔnhoma, sɛdeɛ abusua biara dodoɔ teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Yosef bɔɔ n’agya ne ne nuanom ne n’agya fiefoɔ nyinaa akɔnhoma, sɛdeɛ abusua biara dodoɔ teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduan sɛnea wɔn mma dodow te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduane sɛdeɛ wɔn mma dodoɔ te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Yosef bɔɔ n'agya ne ne nuanom ne n'agya fifo nyinaa akɔnhama sɛnea abusua biara dodow te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 47:12
16 Iomraidhean Croise  

Na bɛtena Gosen asase so, na woabɛn me, wo ne wo mma ne wo nananom ne wo nnwan ne w’anantwie ne deɛ wowɔ nyinaa,


na mɛhwɛ wo wɔ hɔ, ɛfiri sɛ mfeɛ nnum kɔm da so reba, na ohia anhia wo ne wo fiefoɔ ne deɛ wowɔ nyinaa.


Na Onyankopɔn somaa me dii mo anim sɛ memma monnya nkaeɛ wɔ asase so, na mennye mo nkwa a ɛbɛma dodoɔ no ara afiri mu afire.


Na Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ: M’agya ne me nuanom ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa firi Kanaan asase so aba, na hwɛ, wɔwɔ Gosen asase so.


Na nkurɔfoɔ no deɛ, ɔdanee wɔn nkoa, ɛfiri Misraim hyeɛ so kɔsi hyeɛ so.


Na deɛ ɛbɛsoɔ no, momfa nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, na emu abupɛn nnan no nyɛ mo dea, na mode bi adua mfuo mu, na mode bi ayɛ mo ne mo fiefoɔ ne mo mma aduane.


Na afei monnsuro; na mɛhwɛ mo ne mo mma. Na ɔkyekyeree wɔn werɛ kaa wɔn akoma too wɔn yam.


Di wo na ne w’agya ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.


na wɔde n’agya fie animuonyam nyinaa bɛma no, n’asefoɔ ne mmanana nyinaa, ɛfiri nyowa so kɔsi nhina nyinaa so.


ɛwom sɛ anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛyɛ yɛn ho akɛseɛ sɛ Kristo asomafoɔ; nanso yɛbrɛɛ yɛn ho ase wɔ mo mu, sɛdeɛ ɔbagyegyefoɔ bi yɛne ɔno ara ne mma.


na honam mu mmɔdemmɔ ho mfasoɔ sua, na onyamesom pa ho wɔ mfasoɔ, ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne deɛ ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.


Na sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, wɔnsua onyamesom pa wɔn fie mu kane, ntua wɔn awofoɔ ka; ɛfiri sɛ yei na ɛyɛ na ɛsɔ Nyankopɔn ani.


Na sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nnipa, ne titire no ne fiefoɔ a, wapa gyidie, na ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nnie.


Na ɔnyɛ wo nkwamafoɔ ne wo mmerewaberɛ mu hwɛfoɔ, ɛfiri sɛ w’ase a ɔdɔ woɔ a ɔyɛ ma woɔ sene mmammarima baason no na awo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan