Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 47:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na Yosef maa n’agya ne ne nuanom tenaberɛ, na ɔmaa wɔn asase wɔ Misraim wɔ deɛ asase no yɛ, wɔ Rameses asase so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na Yosef maa n’agya ne ne nuanom tenaberɛ, na ɔmaa wɔn asase wɔ Misraim wɔ deɛ asase no yɛ, wɔ Rameses asase so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Enti Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenase wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapade wɔ asase no fa baabi a eye pa ara wɔ Rameses mansin mu, sɛnea Farao hyɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Enti, Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenaseɛ wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapadeɛ wɔ asase no fa baabi a ɛyɛ pa ara wɔ Rameses mansini mu, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na Yosef maa n'agya ne ne nuanom tenabea, na ɔmaa wɔn asase wɔ Misraim wɔ nea asase no ye, wɔ Rameses asase so, sɛnea Farao hyɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 47:11
13 Iomraidhean Croise  

Monse no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfoɔ firi yɛn mmɔfraase de bɛsi nnɛ, yɛn ne yɛn nananom, na moatena Gosen asase so, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ kyiri mmoahwɛfoɔ nyinaa.


Na Israel tenaa Misraim asase so wɔ Gosen, na wɔnyaa mu adeɛ, na wɔdɔree, na wɔn ase trɛɛ pa ara.


Misraim asase na ɛda w’anim yi, asase no mu deɛ ɛyɛ no, ma w’agya ne wo nuanom ntena hɔ. Ma wɔntena Gosen asase so. Na sɛ wonim sɛ wɔn mu bi yɛ nsiyɛfoɔ a, fa wɔn si me mmoa a mewɔ so.


Na wɔsisii wɔn so adwumayɛfoɔ so mpanimfoɔ sɛ wɔmfa nnesoadeɛ a emu yɛ duro nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkuro Pitom ne Raamses maa Farao.


Na Israelfoɔ no sii mu firii Rameses kɔɔ Sukot, wɔbɛyɛ mmarima a wɔnam fam, mpem ahansia, wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho.


na wɔde n’agya fie animuonyam nyinaa bɛma no, n’asefoɔ ne mmanana nyinaa, ɛfiri nyowa so kɔsi nhina nyinaa so.


Bosome a ɛdi kan no mu wɔtu firii Rameses; bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunum, Twam no akyi, adeɛ kyeeɛ, na Israelfoɔ de ahosɛpɛ kɛseɛ firi kɔeɛ wɔ Misraimfoɔ nyinaa anim;


Owifoɔ mma, gye sɛ ɔrebɛwia na wakum na wasɛe; me deɛ, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmorosoɔ.


na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhwim wɔn mfiri me nsam da.


Tenaberɛ pii wɔ m’Agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo?


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


Agya, wɔn a wɔde wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wɔnhunu m’animuonyam a womaa me no, ɛfiri sɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan