Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 45:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na afei mommma no nnyɛ mo ya, nso mo bo mmfu mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ nti na Onyankopɔn somaa me dii mo anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na afei mommma no nnyɛ mo ya, nso mo bo mmfu mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ nti na Onyankopɔn somaa me dii mo anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mommma biribiara nhaw mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔn me ma wɔde me baa ha. Onyankopɔn na ɔyɛe. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ mimmegye mo nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mommma biribiara nha mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔnee me maa wɔde mebaa ha. Onyankopɔn na ɔyɛeɛ. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ memmɛgye mo nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na afei mommma ɛnnyɛ mo yaw, nso mo bo mmfuw mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha, efisɛ nkwagye nti na Onyankopɔn somaa me dii mo anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 45:5
21 Iomraidhean Croise  

Na Midianfoɔ adwadifoɔ bi rebɛsene. Na wɔtwetwee Yosef yii no firii abura no mu, na wɔtɔn no maa Ismaelfoɔ no gyee nnwetɛbena aduonu. Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim.


Na wɔse: Woagye yɛn nkwa; ma yɛnnya me wura anim adom ara, na yɛbɛyɛ Farao nkoa.


Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro, na megyina Nyankopɔn ananmu anaa?


Na mo deɛ modwenee me ho bɔne nanso Onyankopɔn deɛ, na ɔde rebɛyɛ papa. Sɛ ɔbɛyɛ deɛ ada adi nnɛ yi, na ɔbɛgye nnipa pii nkwa.


Na afei monnsuro; na mɛhwɛ mo ne mo mma. Na ɔkyekyeree wɔn werɛ kaa wɔn akoma too wɔn yam.


Na wo deɛ, woyɛɛ no ahuntaeɛ mu, na me deɛ, mɛdi asɛm yi Israel nyinaa anim awia ketee.


Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kaa sɛ: Arkini Husai afotuo no yɛ sene Ahitofel deɛ no. Na AWURADE na ahyɛ sɛ wɔmma Ahitofel afotu pa no nyɛ ɔkwa, na AWURADE de bɔne aba Absalom so.


na mmom sɛ womua w’ano berɛ yi mu a, ɛnneɛ mmoa ne ɔgyeɛ bɛsɔre afiri baabi ama Yudafoɔ, na wo ne w’agya fie deɛ, mobɛsɛe; na hwan na ɔnim sɛ ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi nti na wo nsa aka ahennie no?


na ɔkaa sɛ: Adagya na mede mefiri me na yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. AWURADE de mae, na AWURADE afa, nhyira nka AWURADE din.


Na Yesu kaa sɛ: Agya, fa kyɛ wɔn, na wɔnnim deɛ wɔreyɛ! Na wɔtwee ntonto de kyɛɛ ne ntoma mu.


na Satan anni yɛn amim; ɛfiri sɛ yɛnim n’akwan.


enti afei momfa nkyɛ mmom na monkyekyere ne werɛ, na awerɛhoɔ bebree no ammene no.


Na ebia yei nti na ɔne wo tetee mu kakra, sɛ wobɛnya no daa,


Na wɔsɔree anɔpatutu kɔsɔree AWURADE anim, na wɔsane baa wɔn fie Rama. Na Elkana ne ne yere Hana daeɛ, na AWURADE kaee no;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan