Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 45:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Mene Yosef, m’agya da so te ase anaa? Na ne nuanom antumi ammua no, na mmom wɔn ho dwirii wɔn wɔ n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Mene Yosef, m’agya da so te ase anaa? Na ne nuanom antumi ammua no, na mmom wɔn ho dwirii wɔn wɔ n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Mene Yosef! Mʼagya te ase ana?” Nanso asɛm no bɔɔ wɔn piriw ma wɔtotɔɔ mum wɔ nʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Afei, Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, “Mene Yosef! Mʼagya te ase anaa?” Asɛm no yɛɛ wɔn nwanwa yie ma ɛtɔree wɔn mumu wɔ nʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Mene Yosef, m'agya da so te ase anaa? Na ne nuanom no antumi ammua no, na mmom wɔn ho dwiriw wɔn wɔ n'anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 45:3
14 Iomraidhean Croise  

Afei mommra mma yɛnku no mfa no nto mmura yi bi mu, na yɛnka sɛ: Aboa bɔne bi na awe no, na yɛahwɛ deɛ ne daeɛ no bɛyɛ.


Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, yɛdi yɛn nua no ho fɔ, sɛ yɛhunuu n’ahohiahia, na ɔsrɛɛ yɛn mmɔborɔhunu, na yɛantie; enti na saa ɔhaw yi aba yɛn soɔ.


Na Ruben buaa wɔn sɛ: Manka ankyerɛ mo sɛ: Monnyɛ abɔfra no bɔne biara, na moantie? Na hwɛ, ne mogya na wɔrehwehwɛ yi.


Na Yosef bisaa wɔn sɛ wɔn ho yɛ anaa; na ɔse: Mo agya akɔkoraa a mokaa ne ho asɛm no ho yɛ anaa? Ɔda so te ase anaa?


Enti ehu ka me n’anim, medwene me tirim, na me ho popo wɔ ne ho.


Na afei ɛtoo woɔ yi, woagyigya, ɛkaa woɔ yi, woabɔ nnyinnyen.


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


na wɔn nyinaa hunuu no, na wɔn akoma tui. Na ntɛm ara ɔne wɔn kasae, na ɔsee wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam. Me ara; monnsuro.


Na Simon Petro hunuiɛ no, ɔhwee Yesu nan ase kaa sɛ: Firi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛni.


Na deɛ ɛtɔ so mmienu no, Yosef yii ne ho kyerɛɛ ne nuanom, na Farao nso hunuu Yosef abusuafoɔ.


Ɛnna ɔse: Ɛyɛ wo hwan a, Awurade? Na ɔse: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.


Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa bɛhu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan