Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 43:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Medi ne ho agyinamu; me nsam na hwehwɛ no. Sɛ mamfa no mammrɛ wo ammɛgyina w’anim a, ɛnneɛ mayɛ wo bɔne daa nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Medi ne ho agyinamu; me nsam na hwehwɛ no. Sɛ mamfa no mammrɛ wo ammɛgyina w’anim a, ɛnneɛ mayɛ wo bɔne daa nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mʼankasa mɛhwɛ abofra no so. Sɛ mamfa no amma a, bisa me. Sɛ mamfa no amma, ammegyina wʼanim ha, amma woanhu sɛ wo ba no ni a, saa asodi no nna me so me nkwanna nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mʼankasa mɛhwɛ abɔfra no so. Sɛ mamfa no amma a, bisa me. Sɛ mamfa no amma, ammɛgyina wʼanim ha, amma woanhunu sɛ wo ba no ni a, saa asodie no nna me so me nkwanna nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Midi ne ho agyinam; me nsam na hwehwɛ no. Sɛ mamfa no mammrɛ wo, mammegyina w'anim a, ɛnne mayɛ wo bɔne daa nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 43:9
16 Iomraidhean Croise  

Wɔn a mmoa kumm wɔn no mamfa mammrɛ wo, me na metuaa so ka. Deɛ wɔwiaa no awia ne deɛ wɔwiaa no anadwo, me nsa mu na wobisaeɛ.


Na Ruben ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Sɛ mamfa no mansane mammrɛ wo a, kum me mmammarima baanu. Fa no hyɛ me nsa, na mede no bɛsane abrɛ wo.


Sɛ yɛantwentwɛn a, anka sɛsɛɛ yɛakɔ aba mprenu.


Na onipa biara a ɔka onipa mogya guo no, ne nsam mu na mɛbisa, na aboa mpo ka onipa mogya gu a mɛbisa afiri ne nsam.


Na Tekoani baa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me wura ɔhene, me ne m’agya fie so na ɛso yi nna, na ɔhene ne n’adwa nni bem.


Anyɛ saa a, me wura ɔhene wuo akyiri no wɔbɛbu me ne me ba Salomo mmaratofoɔ.


Si awowa ɛ, di me agyinamu wo ara w’anim. Hwan na ɔbɛgyina m’akyire?


Di agyinamu pa ma w’akoa, mma ahantanfoɔ nnni me amim.


Sɛ mese ɔbɔnefoɔ sɛ: Wuo na wobɛwuo, na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ no, antwe ɔbɔnefoɔ no amfiri n’akwammɔne so, na wannya nkwa a, ɛnneɛ ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu deɛ, nanso ne mogya deɛ mɛbisa no wɔ wo nsam.


Bio, sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee mu na ɔyɛ abusudeɛ a, mede suntidua bɛto n’anim, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ a, ɔbɛwu ne bɔne no mu, na wɔrenkae n’adetenenee a ɔyɛeɛ no; na ne mogya deɛ, wo nsam na mɛbisa.


Na sɛ ɔwɛmfoɔ no hunu nkrantɛ sɛ ɛreba, na wanhyɛne abɛn no ammɔ ɔmanfoɔ kɔkɔ na nkrantɛ no ba bɛkum wɔn mu bi a, ɔno deɛ, n’amumuyɛ mu na wɔafa no korɔ, na ne mogya deɛ, mɛbisa no ɔwɛmfoɔ no nsam.


Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: Ɔbɔnefoɔ, wuo na wobɛwuo, na sɛ woanka ammɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho a, ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu, na ne mogya deɛ, wo nsam na mɛbisa.


na wɔahwehwɛ adiyifoɔ nyinaa mogya a wɔhwie guiɛ firi wiase asehyɛ so wɔ nnɛ mma yi nsam,


sɛdeɛ apam a Yesu adi mu agyinamu yi yɛ kyɛne soɔ ne no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan