Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 43:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yuda ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima no hyɛɛ yɛn ketee sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, monnsi m’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Yuda ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima no hyɛɛ yɛn ketee sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, monnsi m’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Yakob se, “Owura no sua kyerɛɛ yɛn denneennen se, ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, munnsi mʼanim ha bio.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso, Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Yakob sɛ, “Owura no suae kyerɛɛ yɛn dendeenden sɛ, ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi mʼanim ha bio.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yuda ka kyerɛɛ no sɛ, ɔbarima no hyɛɛ yɛn ketee sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, munnsi m'anim ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 43:3
13 Iomraidhean Croise  

Na wɔwiee aduane a wɔde firi Misraim baeɛ no die no, wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsane nkɔtɔ aduane kakra mmrɛ yɛn.


Na sɛ worema yɛn nua ne yɛn akɔ a, ɛnneɛ yɛbɛsiane akɔtɔ aduane abrɛ wo.


Na sɛ woremma no nkɔ a, ɛnneɛ yɛrensiane nkɔ hɔ, ɛfiri sɛ ɔbarima no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, monsi m’anim.


Na wosee wo nkoa sɛ: Sɛ mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi m’anim bio.


Na ɔhene kaa sɛ: Ma no mmane nkɔ ne fie, mempɛ sɛ mehunu n’anim. Ɛnna Absalom mane kɔɔ ne fie, na wanhunu ɔhene anim.


Saa nti Absalom dii Yerusalem mfeɛ mmienu, nso wanhunu ɔhene anim da.


Na Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, masoma ama wɔaba wo nkyɛn sɛ: Bra ha na mensoma wo ɔhene nkyɛn sɛ: Ɛdeɛn nti na mefiri Gesur mebaeɛ? Ɛyɛ ma me sɛ anka meda so mewɔ hɔ. Na afei mɛhunu ɔhene anim; na sɛ ɛso bi da me so a, ɔnku me.


Na ɔkaa sɛ: Wiɛ, me ne wo bɛpam. Na adeɛ baako pɛ na merebisa no wo hɔ sɛ: Nhunu m’anim gye sɛ wode Saulo babaa Mikal ba ansa na woaba abɛhwɛ m’anim.


Na afei, hwɛ, menim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahennie no ho asɛm no nyinaa renhunu m’anim bio.


Na deɛ ɛyɛɛ wɔn ya bebrebe ne asɛm a ɔkaa sɛ wɔrenhunu n’anim bio no. Na wɔkɔgyaa no kwan wɔ suhyɛn no mu.


Hunu na mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na mate n’apinisie, na masiane sɛ merebɛgye wɔn; na afei bra na mensoma wo, na kɔ Misraim!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan