Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 42:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Yakob hunuu sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ: Adɛn na mohwehwɛ mo ho anim yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Yakob hunuu sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ: Adɛn na mohwehwɛ mo ho anim yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Yakob tee sɛ aburow wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Adɛn nti na morehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim kɛkɛ yi?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Yakob tee sɛ aburoo wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Adɛn enti na moatete agyinagyina rehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim yi?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ ɛdɛn na mohwehwɛ mo ho anim yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 42:1
13 Iomraidhean Croise  

Na ɛkɔm mfeɛ nson no firii aseɛ bae, sɛdeɛ Yosef kaeɛ no, na ɛkɔm baa nsase nyinaa so na Misraim asase nyinaa so deɛ, na aduane wɔ hɔ.


Na aman nyinaa baa Misraim bɛtɔɔ aduane wɔ Yosef nkyɛn, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase no nyinaa so.


Na ɔse: Monhwɛ, mate sɛ aduane wɔ Misraim. Monsiane nkɔ hɔ nkɔtɔ bi wɔ hɔ mmrɛ yɛn, na yɛntena ase, na yɛanwu.


Na ɔhunuu saa no, ne nkwa nti ɔsuroe na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Beer-seba a ɛyɛ Yuda deɛ no, na ɔgyaa n’abɔfra no wɔ hɔ.


Sɔre, na wo so na asɛm yi da, na yɛn deɛ, yɛdi w’akyi; ma wo ho nyɛ den, na yɛ!


Na ɔman no nyinaa hunuu aprannaa ne anyinam a ɛpapaeɛ ne totorobɛnto nne ne bepɔ a ɛfiri wisie no. Na ɔman no hunuiɛ no, wɔn ho popoe, na wɔkɔgyinaa akyirikyiri.


Na wɔkaa sɛ: Monnyi mo da koro adwuma mu ntaayaa no so ara da, na Israelfoɔ adwumayɛ so ahwɛfoɔ no hunuu sɛ amaneɛ na ato wɔn.


Yɛda so tete hɔ reyɛ dɛn? Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛne nkuro a ɛyɛ den mu, na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ, na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owuo, na wama yɛn nsuo a borɔ wɔ mu anom, ɛfiri sɛ yɛayɛ AWURADE bɔne.


Na Efraim hunuu ne yadeɛ, na Yuda hunuu ne kuro; na Efraim sii mu kɔɔ Asiria, na ɔsoma maa wɔkɔɔ Ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yadeɛ, na ɔrentumi nkum mo ho akuro.


Na Yakob tee sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔsomaa yɛn agyanom kane.


na mmom wɔhunuu sɛ, wɔde momonotofoɔ mu asɛmpaka ahyɛ me nsa, sɛdeɛ wɔde twetiatwafoɔ mu deɛ ama Petro no;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Sɔre ɛ, adɛn nti na wode w’anim abutu fam seyie?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan