Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 41:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na Yosef buaa Farao sɛ: Ɛnni me fam, na mmom Onyankopɔn na ɔmfa mmuaeɛ pa mma Farao.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na Yosef buaa Farao sɛ: Ɛnni me fam, na mmom Onyankopɔn na ɔmfa mmuaeɛ pa mma Farao.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Yosef buaa Farao se, “Me ara merentumi mfi me tumi mu nkyerɛ dae no ase. Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ wo dae no ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Yosef buaa Farao sɛ, “Me ara merentumi mfiri me tumi mu nkyerɛ daeɛ no ase. Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ wo daeɛ no ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na Yosef buaa Farao sɛ: Enni me fam, na mmom Onyankopɔn na ɔmfa mmuae pa mma Farao.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 41:16
19 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nnwan no ho yɛ anaa; na sane bɛka kyerɛ me. Na ɔsomaa no firii Hebron bonhwa mu, na ɔkɔduruu Sekem.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛasoso daeɛ, nso obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ aseɛ. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nkyerɛaseɛ mfiri Onyankopɔn hɔ anaa? Monka nkyerɛ me ɛ!


Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Me daeɛ mu no, hwɛ, na megyina Asubɔntene Nil nsunoa.


Na Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ: Farao daeɛ no yɛ bafua; Onyankopɔn rekyerɛ Farao deɛ ɔrebɛyɛ.


Asɛm no te sɛ deɛ maka makyerɛ Farao no ara. Deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no na ɔde akyerɛ Farao yi:


Na ɔse: Sɛ AWURADE ammoa wo a, mɛfiri he na maboa woɔ? Ɛmfiri ayuporebea anaa nsa-kyi-amena mu?


Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Ampa ara, mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyame ne ahemfo wura ne deɛ ɔyi ahuntasɛm adie, sɛ woatumi ayi saa ahuntasɛm yi adie.


Nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ.


Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na ɔkaa sɛ: Montie me nsɛm ɛ. Sɛ AWURADE diyifoɔ bi wɔ mo mu a, adehunu mu na mema no hu me, daeɛ mu na mekasa mekyerɛ no:


Wo ara nso mpo, ɛnnɛ sɛ wo ankasa wonim deɛ ɛfa asomdwoeɛ ho a, anka ɛyɛ. Nanso afei, wɔde ahunta wo.


Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?


Na ɔsɔɔ ne nsa nifa maa no so, na amonom hɔ ara ne nan ne ne nanpɔso yɛɛ den.


nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a.


Ɛnyɛ sɛ yɛn ara yɛfata sɛ yɛbɛsusu ahunu biribi sɛdeɛ ɛfiri yɛn ara yɛn mu, na mmom yɛn fata a yɛfata no firi Nyankopɔn mu.


Nnoɔma a ahunta yɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn dea, na deɛ wɔayi no adie no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kɔsi daa, sɛ yɛnni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan