Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 40:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Yosef kɔɔ wɔn nkyɛn anɔpa kɔhwɛɛ wɔn, na hwɛ, na wɔayeyɛ mosomosoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Yosef kɔɔ wɔn nkyɛn anɔpa kɔhwɛɛ wɔn, na hwɛ, na wɔayeyɛ mosomosoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ade kyee a Yosef baa nneduafo baanu no nkyɛn no, ohuu sɛ wɔn nyinaa ayeyɛ bosobosoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Adeɛ kyeeɛ a Yosef baa nneduafoɔ baanu no nkyɛn no, ɔhunuu sɛ wɔn nyinaa ayeyɛ mosomosoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Yosef kɔɔ wɔn nkyɛn anɔpa kɔhwɛɛ wɔn, na hwɛ, wɔayeyɛ bosobosoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 40:6
9 Iomraidhean Croise  

Na Misraimhene nsahyɛni ne ne paanootoni a na wɔgu afiase hɔ no baanu nyinaa sosoo daeɛ anadwo korɔ, ɛsono oyi daeɛ ne n’asekyerɛ, na ɛsono oyi nso daeɛ.


Na ɔbisaa Farao apiafoɔ a wɔne no gu afiase wɔ ne wura fie no sɛ: Adɛn nti na nnɛ mo anim ayɛ bosabosaa sɛɛ?


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛasoso daeɛ, nso obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ aseɛ. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nkyerɛaseɛ mfiri Onyankopɔn hɔ anaa? Monka nkyerɛ me ɛ!


Na anɔpa no ne ho dwanee no, na ɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ Misraim atwerɛfoɔ nyinaa ne ɛhɔ anyansafoɔ nyinaa, na Farao kaa ne daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ no aseɛ.


na mesoo daeɛ bi a ɛyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehunu haa me.


Ɛnna ɔhene anim daneeɛ, na n’adwene haa no, na n’asene mu nhoma hodwoe, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.


Ɛha na nsɛm no ase asie. Na me, Daniel deɛ, m’adwene haa me pii, na m’anim sakyerae, na mede asɛm no mesiee m’akoma mu.


Na me, Daniel, meyɛɛ siamoo, na meyaree nna bi, ansa na meresɔre mayɛ ɔhene adwuma, na adehunu no yɛɛ me ahodwiri, na obiara ante aseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan