Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 40:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔde wɔn kɔguu afiase wɔ ankɔbeafoɔ panin no fie, faako a Yosef da hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔde wɔn kɔguu afiase wɔ ankɔbeafoɔ panin no fie, faako a Yosef da hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti ɔde wɔn koguu afiase wɔ ɔwɛmfo panyin Potifar no fi, beae koro no ara a wɔde Yosef kɔtoo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, ɔde wɔn too afiase wɔ ɔwɛmfoɔ panin Potifar no fie, baabi korɔ no ara a wɔde Yosef kɔtoeɛ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔde wɔn koguu afiase wɔ ankɔbeafo so panyin no fi, faako a Yosef da hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 40:3
6 Iomraidhean Croise  

Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Na Farao piani Potifar a ɔyɛ ankɔbeafoɔ so panin na ɔyɛ Misraimni no tɔɔ no Ismaelfoɔ a wɔde no kɔɔ hɔ no nsam.


Na Yosef wura no faa no de no kɔtoo afiase, deɛ ɔhene nneduafoɔ guo, na ɔdaa afiase hɔ.


Na afiasehwɛni no de nneduafoɔ a wɔwɔ afiase hɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na biribiara a na wɔyɛ no wɔ hɔ no, ɔno na na ɔhwɛ soɔ.


Afiasehwɛni no anha ne ho anhwɛ biribiara a ɛwɔ Yosef nsam, ɛfiri sɛ AWURADE dii n’akyi, na deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, AWURADE maa no yɛɛ yie.


Na ankɔbeafoɔ panin no maa Yosef hwɛɛ wɔn so som wɔn; na wɔkyɛree afiase hɔ kakra.


Berɛ a Farao bo fuu ne nkoa na ɔde me ne paanootofoɔ panin no kɔtoo afiase wɔ ankɔbeafoɔ panin fie no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan