Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 4:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na Set nso, wɔwoo ɔba maa no, na ɔtoo ne din Enos. Ɛberɛ no mu na wɔfirii aseɛ bɔɔ AWURADE din sɔree no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Na Set nso, wɔwoo ɔba maa no, na ɔtoo ne din Enos. Ɛberɛ no mu na wɔfirii aseɛ bɔɔ AWURADE din sɔree no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no din Enos. Saa bere no mu na nnipa fitii ase bɔɔ Awurade din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no edin Enos. Saa ɛberɛ no mu na nnipa hyɛɛ aseɛ bɔɔ Awurade edin.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Na Set nso, wɔwoo ba maa no, na ɔtoo no din Enos. Ɛbere no mu na wofii ase bɔɔ AWURADE din sɔree no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 4:26
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel apueeɛ bepɔ bi so. Na ɔsii ne ntomadan a Betel da n’atɔeɛ, na Ai da apueeɛ; na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.


Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE, na ɔsii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Isak nkoa tuu asubura wɔ hɔ.


Na mommɔ mo nyame din, na me nso memmɔ AWURADE din, na onyame a ɔde ogya bɛgye soɔ no, ɔno ne Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Ɔsɛmpa!


Wo na mɛbɔ wo aseda afɔdeɛ, na mabɔ AWURADE din.


Oyi bɛse sɛ: Meyɛ AWURADE dea, na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho; na oyi nso bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ: AWURADE dea, na ɔde Israel din ato ne ho.


Montie yei, O Yakob fie, mo a wɔde Israel din ato mo na mofiri Yuda asene mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu no.


Yɛadanedane sɛ wɔn a wonnii wɔn so da; sɛ wɔn a wɔmfaa wo din ntoo wɔn da.


Nna no mu na wɔbɛgye Yuda, na Yerusalem atena ase dwoodwoo, na deɛ wɔde bɛfrɛ no nie: AWURADE yɛn tenenee.


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wɔbɛgye no nkwa; na sɛdeɛ AWURADE aka no, bepɔ Sion so ne Yerusalem na nnipa a wɔafiri mu afire ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn afiri wɔn a aka no mu bɛtena.


Na ɛno ansa na mɛdane amanaman ano ayɛ no kronkron, sɛ wɔn nyinaa mmɔ AWURADE din no, na wɔnyɛ anokorɔ nsom no.


Enos ba, Set ba, Adam ba, Nyankopɔn ba.


na ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirinhyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ bebree. Antiokia na wɔdii kan too asuafoɔ no din Kristofoɔ.


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa.


Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.


de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan