Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 4:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛ odwanhwɛfoɔ, ɛna Kain nso yɛ okuafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛ odwanhwɛfoɔ, ɛna Kain nso yɛ okuafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Akyiri no, ɔsan woo nʼakyi babarima too no din Habel. Na Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na Kain nso bɛyɛɛ okuafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Akyire no, ɔsane woo nʼakyiri ɔbabarima too no edin Habel. Na Habel bɛyɛɛ odwanhwɛfoɔ, ɛnna Kain nso bɛyɛɛ okuafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛɛ oguanhwɛfo, na Kain de, ɔyɛɛ okuafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 4:2
19 Iomraidhean Croise  

AWURADE Nyankopɔn tuu no firii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔ asase a wɔfaa no firii mu no.


Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Sɛ wonim sɛ wo nuanom rewɛn mmoa wɔ Sekem. Bra na mensoma wo wɔn nkyɛn. Na ɔse: Menie.


Na Adam ne ne yere Hawa daeɛ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Kain. Na ɔkaa sɛ: AWURADE adaworoma manya ɔbarima.


Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, Kain de afuom nnoɔma bɛyɛɛ AWURADE ayɛ.


Na Farao bisaa ne nuanom no sɛ: Mo adwuma ne sɛn? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfoɔ, yɛn ne yɛn nananom nso.


Na Noa firii aseɛ yɛɛ kua, na ɔyɛɛ bobeturo.


Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma, na yafunu mu aba yɛ akatua.


Berɛ bi a Mose rehwɛ n’ase Yetro, Midian sɔfoɔ nnwan no, ɔkaa wɔn de wɔn kɔɔ ɛserɛ no akyiri nohoa, kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho.


Na AWURADE faa me firii nnwan akyiridie, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.


na wɔahwehwɛ adiyifoɔ nyinaa mogya a wɔhwie guiɛ firi wiase asehyɛ so wɔ nnɛ mma yi nsam,


ɛfiri Habel mogya so de kɔsi Sakaria a ɔtɔɔ afɔrebukyia ne asɔredan ntam no mogya so. Aane, mese mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Yei mu na Nyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adie. Obiara a ɔnyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɔnnɔ ne nua no mfiri Onyankopɔn.


ɛnyɛ sɛ Kain a ɔfiri bɔne mu na ɔkumm ne nua no. Na adɛn nti na ɔkumm no? Ɛfiri sɛ ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne, na ne nua deɛ no deɛ, ɛtene.


Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudini; na monim sɛ daa nkwa rentena owudini biara mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan