Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 39:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔwɔ hɔ nti, ɔnhwɛ biribiara gye aduane a ɔno ara die. Nso na Yosef ho ne n’anim yɛ fɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔwɔ hɔ nti, ɔnhwɛ biribiara gye aduane a ɔno ara die. Nso na Yosef ho ne n’anim yɛ fɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Enti ɔde nʼagyapade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapade ne nʼadwumade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa nti, wannwene biribiara ho sɛ aduan a obedi nko ara. Na Yosef yɛ aberante a ɔwɔ nnyinaso, na ne ho nso yɛ fɛ yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Enti, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa enti, wannwene biribiara ho sɛ aduane a ɔbɛdi nko ara. Na Yosef yɛ aberanteɛ a ɔwɔ nnyinasoɔ, na ne ho nso yɛ fɛ yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔde nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔwɔ hɔ nti, ɔnhwɛ biribiara gye aduan a ɔno ara di. Nso Yosef ho ne n'anim yɛ fɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 39:6
12 Iomraidhean Croise  

Na Lea animma yɛ nketewa, na Rahel ho yɛ fɛ, na n’anim yɛ nyam.


Afiasehwɛni no anha ne ho anhwɛ biribiara a ɛwɔ Yosef nsam, ɛfiri sɛ AWURADE dii n’akyi, na deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, AWURADE maa no yɛɛ yie.


Yosef nyaa n’anim adom, na ɔsom no; na ɔde no sii ne fie so, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa.


Nanso wampene, na ɔka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ: Hwɛ, sɛ me wura anya me nti ɔnhwɛ deɛ ɛwɔ ne fie, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ahyɛ me nsa.


Na wɔde ne deɛ sii fa, na wɔde wɔn deɛ sisii fa, na wɔde Misraimfoɔ a wɔne no redidie no deɛ sisii fa, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ ne Hebrifoɔ ntumi nnidi, na Misraimfoɔ kyi.


Ne kunu akoma da ne so, na siadeɛ adeɛ nhia no.


Deɛ ɔdi ade ketewa mu nokorɛ no di pii mu nokorɛ; na deɛ ɔntene adeɛ ketewa mu no, na ɔntene bebree mu nso.


Na ɔsee no sɛ: Wiɛ, akoa pa, sɛ woadi ketewa mu nokorɛ nti, di nkuro du so tumi!


Ɛberɛ no ara mu na wɔwoo Mose, na ne ho yɛ fɛ Nyankopɔn anim, na wɔhwɛɛ no abosome mmiɛnsa n’agya fie.


Na ɔsoma maa wɔkɔfaa no baeɛ. Nso na ɔbere, na n’animma yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ. Na AWURADE kaa sɛ: Sɔre sra no, na ɔno ara nie.


Na Filistini no totoo n’ani na ɔhunuu Dawid no, ɔbuu no animtia; ɛfiri sɛ ɔyɛ abɔfra, na ɔbere, na ne ho nso yɛ fɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan