Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 39:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 ne wura yere no sɔɔ n’atadeɛ mu kaa sɛ: Wo ne me mmɛda! Na Yosef gyaa n’atadeɛ no wɔ ne nsam dwane firii adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 ne wura yere no sɔɔ n’atadeɛ mu kaa sɛ: Wo ne me mmɛda! Na Yosef gyaa n’atadeɛ no wɔ ne nsam dwane firii adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Potifar yere no soo Yosef atade mu kyeree no, ka kyerɛɛ no se, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso Yosef yii nʼatade no guu ne so, guan fii fie hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Potifar yere no sɔɔ Yosef atadeɛ mu, ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso, Yosef paa nʼatadeɛ no guu ne so, dwane firii efie hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na ogyaw n'atade no wɔ ne nsam guan fii adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 39:12
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛ Yosef saa daa daa, nanso Yosef antie sɛ ɔne no bɛda na ama ne nsa aka no.


Na da koro bi a ɔkɔɔ ɛdan no mu sɛ ɔrekɔyɛ n’adwuma, na efie hɔfoɔ no mu biara nni hɔ no,


Na ɔbaa no hunuu sɛ wagya n’atadeɛ wɔ ne nsam adwane afiri adie no,


Nanso wampene, na ɔka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ: Hwɛ, sɛ me wura anya me nti ɔnhwɛ deɛ ɛwɔ ne fie, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ahyɛ me nsa.


Nanso ɔde rema no sɛ ɔnnie no, ɔsɔɔ ne mu na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra, bɛda me nkyɛn, me nuabaa!


Me ba, wo ne wɔn nnnante ɔkwan so. Twe wo nan firi wɔn sa so.


Ma wo kwan mfiri ne ho nkɔ akyiri, na mmɛn ne fie pono ano;


Yi wo ho sɛ adowa firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam, sɛ anomaa firi fidisumfoɔ nsam.


Na mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo: Ɔbaa a n’akomam wɔ fidie ne asau na ne nsa yɛ nhoma. Deɛ ɔsɔ Nyankopɔn ani bɛfiri ne ho afi, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔbɛkye no.


Mommma wɔnnnaadaa mo! Fekuo bɔne sɛe ɔbra pa.


Dwane firi mmabunuberɛ mu akɔnnɔ ho, na di tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri akoma a emu teɛ mu frɛ Awurade bɔ mu no akyi.


Adɔfo, metu mo fo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ, sɛ monyi mo ho mfiri honam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho,


Na Samuel danee ne ho rekorɔ no, Saulo sɔɔ ne batakari ano, na ɛsuanee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan