Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 38:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Yuda hunuu Kanaanni bi a wɔfrɛ no Sua babaa bi wɔ hɔ, ɔwaree no na ɔne no dae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Yuda hunuu Kanaanni bi a wɔfrɛ no Sua babaa bi wɔ hɔ, ɔwaree no na ɔne no dae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛhɔ na Yuda kohyiaa Kanaanni beae bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babea. Yuda waree Sua babea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛhɔ na Yuda kɔhyiaa Kanaanni ɔbaa bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babaa. Yuda waree Sua babaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Yuda huu Kanaanni bi a wɔfrɛ no Sua, babea bi wɔ hɔ, na ɔwaree no ne no dae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 38:2
13 Iomraidhean Croise  

na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ worenware Kanaanfoɔ a mete wɔn mu yi mmammaa mu bi mma me ba.


Na Isak frɛɛ Yakob, na ɔhyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware ɛyerɛ wɔ Kanaan mmammaa mu.


Na ɔbaa no hunuu sɛ dua no yɛ sɛ wɔdie, na ɛyɛ aniwa fɛ, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛbɛte ani, enti ɔtee n’aba bi, na ɔdii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na ɔdii.


Na asase no so otitire Hewini Hamor ba Sekem hunuu no, na ɔkyeree no too no mmɔnaa guu ne ho fi.


Na Yuda mmammarima ne: Er, Onan, Sela, Peres ne Sera; (na Er ne Onan wuu Kanaan asase so.) Na Peres mmammarima ne: Hesron ne Hamul.


Nyankopɔn mma hunuu nnipa mmammaa sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.


Nna no mu ne akyire no, na abrane akɛseɛ wɔ asase so. Na Nyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmammaa ho na wɔwoo mma maa wɔn no, yeinom ne aberempɔn a wɔwɔ din firi tete.


Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu ɔbaa bi sɛ ɔredwareɛ, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ sɛ.


Yuda mma ne: Er, Onan ne Sela. Baasa yi na Kanaanni Sua babaa wo maa no. Na Yuda abakan Er yɛɛ AWURADE anim bɔne, na ɔkumm no.


Yuda mma: Er ne Onan; na Er ne Onan wuwuu Kanaan asase so.


Mo ne wɔn a wɔnnye nnie ntwe kɔnnua korɔ; twaka bɛn na tenenee ne amumuyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne esum wɔ?


Na ɔforo ba bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makɔhunu ɔbaa bi wɔ Timna, Filistifoɔ mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware.


Na Samson sii mu kɔɔ Gasa, na ɔkɔhunuu ɔbaa dwamamfoɔ bi hɔ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan