Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 34:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yakob ba Dina sɔɔ Sekem ani, na ɔdɔɔ ababaa no, na ɔkorɔkorɔɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Yakob ba Dina sɔɔ Sekem ani, na ɔdɔɔ ababaa no, na ɔkorɔkorɔɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Efi saa bere no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ, ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Sekem koma fam Yakob ba Dina ho, na ɔdɔɔ ababaa no, na otwaa ne bo too ne yam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 34:3
11 Iomraidhean Croise  

Na asase no so otitire Hewini Hamor ba Sekem hunuu no, na ɔkyeree no too no mmɔnaa guu ne ho fi.


Na Sekem ka kyerɛɛ n’agya Hamor sɛ: Kɔgye ababaa yi awareɛ ma me.


Na afei monnsuro; na mɛhwɛ mo ne mo mma. Na ɔkyekyeree wɔn werɛ kaa wɔn akoma too wɔn yam.


Na afei sɔre firi adi, na kɔka abotɔyam asɛm kyerɛ wo nkoa. Na medɔ Nyame sɛ, sɛ woamfiri adi a, obiara rentena wo nkyɛn anadwo yi, na ɛno mmom bɛyɛ bɔne ama wo asene bɔne biara a aba wo soɔ firi wo mmeranteberɛ mu de abɛduru sɛsɛɛ.


Na Hesekia kaa Lewifoɔ a wɔwɔ AWURADE ho nimdeɛ pa no nyinaa abotɔyam asɛm, na wɔdii afahyɛ afɔrebɔdeɛ no nnanson, na wɔbobɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔkamfoo AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.


Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akodie asa, sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho.


Saa nti, hwɛ, mɛbɔ no adafa mede no makɔ ɛserɛ so, na maka no abodwosɛm


Na ɛda no, AWURADE asɛm nie, wobɛfrɛ me: Ishi. Na woremfrɛ me: Me Baal! bio.


Na ne kunu no sɔre tii no sɛ ɔrekɔka no abodwosɛm na ɔde no asane aba, na n’abɔfra ne mfunumu mmienu ka ne ho. Na ɔbaa no de no kɔɔ n’agya fie; na ababaa no agya hunuu no no, ɔde anigyeɛ hyiaa no.


Na wɔmaa wɔn nne so suu bio. Na Orpa fee n’ase ano, na Rut deɛ, ɔbataa ne ho.


Na ɔne Saulo kasa wieeɛ no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ ɔno ara ne kra.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan