Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 34:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na asase no so otitire Hewini Hamor ba Sekem hunuu no, na ɔkyeree no too no mmɔnaa guu ne ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na asase no so otitire Hewini Hamor ba Sekem hunuu no, na ɔkyeree no too no mmɔnaa guu ne ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Bere a Hewifohene Hamor babarima Sekem huu Dina no, ɔkyeree no kɔtoo no mmonnaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛberɛ a Hewifoɔhene Hamor babarima Sekem hunuu Dina no, ɔkyeree no kɔtoo no monnaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na asase no so otitiriw Hewini Hamor ba Sekem huu no no, ɔkyeree no, too no mmonaa guu ne ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 34:2
23 Iomraidhean Croise  

Hiwifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ,


Ɛhɔ Abraham kaa ne yere Sara ho sɛ: Ɔyɛ me nuabaa. Na Gerar hene Abimelek soma maa wɔbɛfaa Sara.


Na ɔtɔɔ asase a ɔsii ne ntomadan wɔ soɔ no wɔ Sekem agya Hamor mma nkyɛn nnwetɛbena ɔha.


Yakob mmammarima no baa atɔfoɔ no so bɛfom kuro no mu nnoɔma fae, ɛfiri sɛ wɔagu wɔn nua no ho fi.


Na Yakob ba Dina sɔɔ Sekem ani, na ɔdɔɔ ababaa no, na ɔkorɔkorɔɔ no.


Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi sɛ: Moaha me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi soɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ. Na me deɛ, meyɛ asafo a mesua yi, wɔbɛboaboa wɔn ano aba me so abɛku me, na wɔasɛe me ne me fie.


Nyankopɔn mma hunuu nnipa mmammaa sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.


Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu ɔbaa bi sɛ ɔredwareɛ, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ sɛ.


Na Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔfaa ɔbaa no baa ne nkyɛn, na ɔne no dae. Na ɔsane kɔɔ ne fie. (Nso ɛberɛ no mu na ɔredwira ne ho afiri ne nsabuo no mu.)


Nanso wampɛ sɛ ɔtie no, na ɛnam sɛ ne ho yɛ den sene no nti, ɔbrɛɛ no ase ne no dae.


Apam na me ne m’ani apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabunu?


Sɛ wɔdaadaa m’akoma ɔbaa bi ho, na metɛɛ me yɔnko pono ano a,


Ɛne anyansafoɔ mmɔ, na dane onyansani, na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no n’akomam dada.


Na sɛ ɛba sɛ wompɛ no bio a, ma no mfa ne ho nkɔdi sɛdeɛ ɔpɛ, na tɔn deɛ, ntɔn no nnye sika, ɛne no nnni no sɛ afenaa, ɛfiri sɛ woahodwo no.


ɛnneɛ momfa wɔn baanu no mfiri adi nkɔ kuro no pono n’akyi, na monsi wɔn aboɔ mma wɔnwuwu, ababaa no, ɛsiane sɛ ɔwɔ kuro mu na wanteam, ne ɔbarima no, sɛ wabrɛ ne yɔnko yere aseɛ nti; na yi bɔne no firi wo mu.


ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no mma ababaa no agya dwetɛ nnwetɛbena aduonum, na ɔnyɛ ne yere sɛ ɔbrɛɛ no aseɛ nti; na ɔnnko no ne nna nyinaa.


Na Israel mmarima no ka kyerɛɛ Hewifoɔ no sɛ: Ebia yɛn mu na woteɛ; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛne wo bɛyɛ apam?


Na Samson siane kɔɔ Timna, na ɔkɔhunuu ɔbaa bi wɔ Timna a ɔyɛ Filistifoɔ mmammaa no bi.


Na Ebed ba Gaal kaa sɛ: Hwan ne Abimelek, na hwan ne Sekem a yɛnsom no? Ɛnyɛ Yerubaal ba ne no na Sebul yɛ ne safohene? Monsom Sekem agya Hamor mmarima no ɛ, na ɛdeɛn nti na yɛn deɛ, yɛnsom no?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan