Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 32:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Yakob kaa sɛ: M’agya Abraham Nyankopɔn ne m’agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wosee me sɛ: Sane kɔ w’asase so ne w’abusua mu, na mɛyɛ wo yie no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Yakob kaa sɛ: M’agya Abraham Nyankopɔn ne m’agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wosee me sɛ: Sane kɔ w’asase so ne w’abusua mu, na mɛyɛ wo yie no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na Yakob bɔɔ Awurade mpae se, “Ao, Awurade Nyankopɔn a mʼagya Abraham ne mʼagya Isak som wo, Awurade a woka kyerɛɛ me se, ‘San kɔ wʼasase so ne wʼabusua mu, na mɛma woayɛ ɔdefo.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Afei, Yakob bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade Onyankopɔn a mʼagya Abraham ne mʼagya Isak somm wo, Ao, Awurade a woka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sane kɔ wʼasase so ne wʼabusua mu, na mɛma woayɛ ɔdefoɔ.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Yakob kae sɛ: M'agya Abraham Nyankopɔn ne m'agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wusee me sɛ: San kɔ w'asase so ne w'abusua mu na mɛyɛ wo yiye no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 32:9
20 Iomraidhean Croise  

Na mɛma me ne wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no apam agyina wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu, na ayɛ daa apam, na mayɛ wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no Nyankopɔn.


Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ɔse: Mene AWURADE, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn; asase a woda soɔ yi mede bɛma wo ne w’asefoɔ.


Na hwɛ, mɛdi w’akyi, na mahwɛ wo so baabiara a wobɛkorɔ, na mama woasane aba asase yi so. Na merennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma deɛ maka makyerɛ woɔ yi aba mu.


Mene Nyankopɔn a wohyiaa no Betel faako a wosraa ɛhɔ dum na wohyɛɛ bɔ maa me no; afei sɔre firi asase yi so, na sane kɔ w’abusua asase so.


Mewɔ tumi sɛ anka me ne mo di no bɔne; nanso nnora anadwo no, mo agya ne Nyankopɔn kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ yie, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sane kɔ wo nananom asase so ne w’abusua mu, na mɛdi w’akyi.


Sɛ m’agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, ne Isak suro annyina m’akyiri a, anka afei wogyaa me kwan nsapan. Me brɛ ne me nsa ano adwumayɛ na Onyankopɔn hunuiɛ, na ɔkaa w’anim nnora anadwo.


Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, ne wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n’agya suro ho ntam.


kaa sɛ: Sɛ Esau ba kuo baako so bɛku wɔn a, ekuo a ɛbɛka no bɛnya kwan adwane.


Ɛfiri w’agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo, na ɛfiri Tweaduampɔn hɔ, ɔnhyira wo. Ɔmfa ɔsorosoro nhyira, ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ mu nhyira, ne nufoɔ ne yafunu mu nhyira nhyira wo.


Yɛn Nyankopɔn, woremmu wɔn atɛn? Na yɛnni tumi a yɛde regyina ɛdɔm bebree yi a wɔreba yɛn soɔ yi anim. Na yɛn deɛ, yɛnnim deɛ yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da.


na ɔkaa sɛ: AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn, ɛnyɛ wone Onyankopɔn wɔ soro, na wo ara na wodi amanaman ahennie nyinaa soɔ? Na wo nsam na tumi ne mmaninyɛ wɔ, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agyina w’anim.


Na Ɔhene Hesekia ne Amos ba Odiyifoɔ Yesaia bɔɔ yei ho mpaeɛ na wɔteaa mu kyerɛɛ ɔsoro.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Ɔsu frɛ me, na mɛgye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, mɛyi no na mahyɛ no animuonyam.


Na ɔkaa sɛ: Mene w’agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n’anim, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn.


Na mede ɔtɔ nwoma no maa Neria ba Baruk no, mebɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ:


Na Dawid ho kyeree no papaapa, ɛfiri sɛ ɛdɔm no kaa sɛ wɔbɛsi no aboɔ, na ɛdɔm no nyinaa kra botoeɛ, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nti; nanso Dawid hyɛɛ ne ho den AWURADE Nyankopɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan