Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 30:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Yakob bo fuu Rahel kaa sɛ: Mesi Nyankopɔn a ɔkame wo wo yam mma no ananmu anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Yakob bo fuu Rahel kaa sɛ: Mesi Nyankopɔn a ɔkame wo wo yam mma no ananmu anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yakob bo fuw Rahel ma ɔkae se, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasiw wo yafunu ano.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yakob bo fuu Rahel, ma ɔkaa sɛ, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasi wo yafunu ano.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Yakob bo fuw Rahel bisaa no sɛ: So misi Nyankopɔn a ɔkame wo wo yam mma no ananmu anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 30:2
17 Iomraidhean Croise  

Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asi m’awoɔ ho kwan, enti kɔ m’afenaa nkyɛn, ebia mɛnya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.


Ɛsiane Abraham yere Sara ho asɛm no nti, na AWURADE ato Abimelek fiefoɔ mmaa nyinaa yafunu mu.


Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, ɛfiri sɛ na ɔyɛ obonini. Na AWURADE tiee n’adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.


Na AWURADE hunuu sɛ wɔtane Lea no, ɔbuee ne yafunu mu, na Rahel deɛ, ɔyɛɛ obonini.


Na Yakob bo fui, na ɔne Laban hamee, na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Me mfomsoɔ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn na wosa me yerɛdɛdɛdɛdɛ yi?


Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro, na megyina Nyankopɔn ananmu anaa?


Na ɛbaa sɛ, Israel hene kenkan nwoma no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Onyankopɔn ne me na makum na mama nkwa, sɛ oyi resoma ama wɔaba me nkyɛn sɛ mensa obi kwata yi? Ampa, monhwɛ nhunu sɛ, asɛm na ɔrepɛ me.


Ɔma ɔbaabonini nya efie tena mu, na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gyeɛ. Monyi AWURADE ayɛ!


Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma, na yafunu mu aba yɛ akatua.


Na ɛbaa sɛ Mose bɛn nsraban no na ɔhunuu nantwie ba ne asa no ara pɛ, ne bo fui, na ɔtoo apono a ɛwɔ ne nsam no gui maa no bobɔe wɔ bepɔ no ase.


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.


na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔahyira wo mmaa mu, na wɔahyira wo yam adeɛ!


Mo bo mfu, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuo so,


Na Hana deɛ, ɔma no baanu kyɛfa, ɛfiri sɛ ɔdɔ Hana, nanso AWURADE ato ne yafunu mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan