Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 3:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Ɛnyɛ wuo na mobɛwuo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Ɛnyɛ wuo na mobɛwuo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Morenwuwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Morenwuwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛnyɛ owu na mubewu:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 3:4
13 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Adɛn na woyɛɛ saa? Na ɔbaa no se: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me, maa mediiɛ.


nanso dua a ɛsi turo no mfimfini no aba deɛ, Onyankopɔn aka sɛ: Monnni bi, nso mommfa mo nsa nnka, na moanwu.


Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woasoma abɔfoɔ sɛ wɔnkɔbisa Ekron nyame Baalsebub hɔ adeɛ, sɛdeɛ onyame bi nni Israel a wɔkɔbisa no asɛm nti, mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo.


Enti AWURADE se: Mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo! Na Elia kɔeɛ.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima bi foro bɛhyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsane nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Enti onyame bi nni Israel nti na woasoma rekɔ Ekron nyame Baalsebub hɔ adebisa yi? Yei nti, mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo.


Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ kɔka kyerɛ no sɛ: Nkwa deɛ, wobɛnya, na AWURADE akyerɛ me sɛ wobɛwu ara.


Na ɔse: Mɛfiri akɔyɛ honhom torofoɔ n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no, na wobɛtumi nso, firi kɔ na kɔyɛ saa.


Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Nanso mesuro sɛ ebia, sɛdeɛ ɔwɔ no de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afiri Kristo fam ahofama no ho.


na Satan anni yɛn amim; ɛfiri sɛ yɛnim n’akwan.


na sɛ ɔte nseɛ yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho n’akoma mu anka sɛ: Menam m’akoma denyɛ mu deɛ, nanso mɛnya asomdwoeɛ; na wɔansesa deɛ wanom ne deɛ sukɔm de no ammom.


Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no, na ɔbaa no na wɔdaadaa no a ɔkɔtoo mmara;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan