Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 3:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: Ɛnam sɛ woayɛ yei nti, wɔadome wo ntɔteboa ne wiram mmoadoma nyinaa mu. Wo yafunu so na wobɛnanteɛ, na woadi dɔteɛ wo nkwa nna nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: Ɛnam sɛ woayɛ yei nti, wɔadome wo ntɔteboa ne wiram mmoadoma nyinaa mu. Wo yafunu so na wobɛnanteɛ, na woadi dɔteɛ wo nkwa nna nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Enti Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no se, “Esiane saa ade a woayɛ yi nti, “Wɔadome wo wɔ mmoa nyinaa ne nkekaboa mu. Wobɛwea wʼafuru so, na wo nkwanna nyinaa woadi mfutuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Enti, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ, “Esiane saa adeɛ a woayɛ yi enti, “Wɔadome wo wɔ mmoa nyinaa ne nkekaboa mu. Wobɛwea wʼafuru so, na wo nkwa nna nyinaa woadi mfuturo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: Sɛ woayɛ eyi nti, wɔadome wo ntɔteboa ne wuram mmoadoma nyinaa mu. Wo yafunu so na wobɛnantew, na woadi dɔte wo nkwa nna nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 3:14
10 Iomraidhean Croise  

Na ɔwɔ yɛ aniteɛ kyɛne wiram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: Ampa ara sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ mo sɛ: Monnni turom ha nnua nyinaa bi?


Na afei wɔadome wo afiri asase a abue n’ano agye wo nua mogya afiri wo nsam no so.


Deɛ ɔhwie onipa mogya guo no, onipa so na wɔnam bɛhwie ne mogya aguo, ɛfiri sɛ Nyankopɔn suban so na ɔyɛɛ onipa.


Wɔn a wɔte serɛ so bɛkoto n’anim, na n’atamfo atafere mfuturo.


Na wobɛhwe ase, ɛfam na wofiri bɛkasa, mfuturo mu na w’asɛm bɛfiri ayɛ huhuhuhu; wo nne bɛyɛ sɛ ɔsaman deɛ afiri fam, na mfuturo mu na w’asɛm bɛfire aba sɛ asomsɛmka.


Pataku ne odwammaa bɛdidi faako, na gyata awe wira sɛ nantwie; na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane; wɔrempira, na wɔrensɛe adeɛ bio, wɔ me bepɔ kronkron no nyinaa so, AWURADE na ɔseɛ.


Na mompae asase so mmoa a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ mu, ne nnomaa a wɔn ho nteɛ ne wɔn a wɔn ho teɛ mu, na moamfa asase so mmoa ne nnomaa ne adeɛ biara a ɛwea fam a mapae mu mama mo sɛ ɛho nteɛ no angu mo kra ho fi.


Wɔbɛtafere mfuturo sɛ ɔwɔ, sɛ mmoa a wɔtwe wɔn ho fam, wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn huntabea aba; wɔde suro bɛbɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wɔasuro w’anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan