Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 28:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Isak frɛɛ Yakob, na ɔhyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware ɛyerɛ wɔ Kanaan mmammaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Isak frɛɛ Yakob, na ɔhyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware ɛyerɛ wɔ Kanaan mmammaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no sɛ, “Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Isak frɛɛ Yakob, na ohyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware Kanaan mmabea mu yere.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 28:1
20 Iomraidhean Croise  

na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ worenware Kanaanfoɔ a mete wɔn mu yi mmammaa mu bi mma me ba.


Na me wura ama maka ntam sɛ: Nware Kanaanfoɔ a mete wɔn asase soɔ yi mmammaa mu bi mma me ba.


Na kɔ me kuro ne m’abusua mu kɔware yerɛ ma me ba Isak.


na noa akɔnnɔduane sɛdeɛ mepɛ brɛ me, na menni, na me nhyira wo ansa na mawu.


Na Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: Het mmammaa nti m’asetena afono me. Sɛ Yakob kɔware yerɛ Het mmammaa mu, sɛ yeinom a wɔwɔ ɛha yi a, na me mmerɛ ngui, na mete ase reyɛ deɛn bio?


Na Esau hunuu sɛ Isak ahyira Yakob, ama wagya no kwan sɛ ɔnkɔ Mesopotamia nkɔware yerɛ wɔ hɔ. Afei ɔhunuu bio sɛ ɔhyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware Kanaan mmammaa mu yerɛ,


Ɛno na yɛde yɛn mmammaa bɛma mo, na yɛabɛfa mo mmammaa nso aware, na yɛne mo atena, na yɛayɛ ɔman korɔ.


Na mo ne yɛn nni ayewareɛ, na momfa mo mmammaa mma yɛn, na mo nso monware yɛn mmammaa.


Na Yuda hunuu Kanaanni bi a wɔfrɛ no Sua babaa bi wɔ hɔ, ɔwaree no na ɔne no dae.


Na ɔhyiraa Yosef sɛ: Onyankopɔn a me nananom Abraham ne Isak nantee n’anim no, Onyankopɔn a wayɛne me me nkwa nna nyinaa de abɛsi nnɛ.


Yeinom nyinaa ne Israel mmusuakuo dummienu no, na yei ne deɛ wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn de hyiraa wɔn. Sɛdeɛ wɔn nhyira teɛ mmaako mmaako na ɔhyiraa wɔn.


Nyankopɔn mma hunuu nnipa mmammaa sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.


Monwareware yerenom, na monwowo mmabanin ne mmammaa, na monwareware yerenom mma mo mma, na momfa mo mmammaa mmema ekununom awareɛ, na wɔnwowo mmabanin ne mmammaa, na monnɔɔso ɛhɔnom na moansua.


Na yei ne nhyira a Nyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfoɔ ansa na ɔrewuo. Na ɔkaa sɛ:


Na Manase abusuakuo fa no, Mose de wɔn deɛ maa wɔn Basan, na ɔfa no nso, Yosua de wɔn deɛ maa wɔn wɔn nuanom mu, Yordan agya atɔeɛ fam. Na Yosua regya wɔn kwan akɔ wɔn ntomadan mu no, ɔhyiraa wɔn,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan