Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 27:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na noa akɔnnɔduane sɛdeɛ mepɛ brɛ me, na menni, na me nhyira wo ansa na mawu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na noa akɔnnɔduane sɛdeɛ mepɛ brɛ me, na menni, na me nhyira wo ansa na mawu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Fa noa mʼakɔnnɔduan no bi brɛ me, na minni, na minhyira wo ansa na mawu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo ansa na mawu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na noa me akɔnnɔduan sɛnea mepɛ, na fa brɛ me, na minni, na menhyira wo ansa na mawu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 27:4
23 Iomraidhean Croise  

Na ɔhyiraa no sɛ: Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no nhyira nka Abram.


Na wɔhyiraa Rebeka see no sɛ: Yɛn nuabaa, dane mpem du ahodoɔ mpem mpem, na w’asefoɔ mfa wɔn atamfoɔ apono nni.


Na ɔkɔkyeree wɔn brɛɛ ne na, na ne na de yɛɛ akɔnnɔduane sɛdeɛ n’agya pɛ.


Na ɔde akɔnnɔduane ne paanoo a wasiesie no hyɛɛ ne ba Yakob nsa.


Na Yakob ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɛyɛ me, w’abakan Esau. Mayɛ sɛdeɛ wokyerɛɛ me no. Mesrɛ wo, sɔre, tena ase, na di me hanam, na wo kra nhyira me.


Na wanhu no, ɛfiri sɛ na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau deɛ. Enti ɔhyiraa no.


Na ɔse: Fa pini me nkyɛn, na menni me ba hanam, na me kra nhyira wo. Na ɔde brɛɛ no, na ɔdii, na ɔde bobesa brɛɛ no, na ɔnomee.


Na ɔtwe pinii kɔfee n’ano. Na Isak huaa n’atadeɛ mu hwa hwɛe, na ɔhyiraa no sɛ: Hwɛ, me ba ho hwa te sɛ afuo a AWURADE ahyira soɔ mu hwa.


Na ɔno nso bɛnoaa akɔnnɔduane de brɛɛ n’agya ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya sɔre ɛ, na di wo ba hanam, na wo kra nhyira me!


Ɛberɛ a Isak rekasa akyerɛ ne ba Esau no, Rebeka tee. Na Esau kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔkum nam aba.


Kɔpɛ hanam brɛ me, na noa m’akɔnnɔduane, na menni, na menhyira wo AWURADE anim ansa na mawu.


Kɔ mmoakuo no mu kɔkyere mmirekyie mma pa mmienu brɛ me, na memfa menyɛ akɔnnɔduane memma w’agya sɛdeɛ ɔpɛ;


Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wo nnɔ, na ɔmma wo nyɛ bebree, na woayɛ aman asafo;


Na Yosef ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɛyɛ me mma a Onyankopɔn de ama me wɔ ha yi. Ɛnna ɔse: Fa wɔn brɛ me ɛ ma menhyira wɔn.


Yeinom nyinaa ne Israel mmusuakuo dummienu no, na yei ne deɛ wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn de hyiraa wɔn. Sɛdeɛ wɔn nhyira teɛ mmaako mmaako na ɔhyiraa wɔn.


Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ: Hwɛ, abɔfra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel nnipa bebree ahweaseɛ ne wɔn sɔreɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔbɛkasa atia no,


Na ɛbaa sɛ ɔrehyira wɔn no, ɔne wɔn paepaee mu, na wɔmaa no so kɔɔ soro.


Gyidie na Isak de hyiraa Yakob ne Esau, nnoɔma a ɛbɛba ho.


Na Yosua hyiraa no, na ɔde Hebron maa Yefune ba Kaleb sɛ n’agyapadeɛ.


Na Yosua hyiraa wɔn, na ɔgyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔɔ wɔn ntomadan mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan