Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 27:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔse: Mabɔ akora, na mennim me wuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔse: Mabɔ akora, na mennim me wuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Isak kae se, “Mprempren mabɔ akwakoraa, na minnim da a mewu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Isak kaa sɛ, “Seesei mabɔ akɔkoraa, na mennim ɛda a mɛwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ose: Mabɔ akora, na minnim me wuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 27:2
10 Iomraidhean Croise  

Afei fa w’ahayɔdeɛ, w’agyan kotokuo ne w’agyan kɔ wiram kɔpɛ hanam brɛ me,


Na Israel nna duruu sɛ ɔbɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, fa wo nsa ka m’asene mu, na yɛ me adɔeɛ di me nokorɛ, na nsie me Misraim!


Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bɛdi mo akyi, na ɔde mo asane akɔ mo nananom asase so.


Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wonnim deɛ ɛda no de bɛba.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Nna no mu no, Hesekia yaree owuyareɛ, na Amos ba Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu, na worennya nkwa.


Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ mu, ne akoma a ɛdi mu mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.


Enti monwɛn! Na monnim da ko a efiewura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasuo mu anaa akokɔbɔneeɛ anaa anɔpa,


Nanso monnim deɛ ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne deɛn? Ɛfiri sɛ moyɛ huhuro a ɛyi ne ho kakra, na afei ɛyera.


Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim adom, enti na ɔse: Wɔmmma Yonatan nnhunu yei, na anyɛ no ya; na ampa ara, sɛ AWURADE te aseɛ, na wo kra nso te aseɛ yi, nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan