Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 26:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɛhɔfoɔ no bisaa no ne yere ho asɛm no, ɔkaa sɛ: Me nua ne no. Na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ: Me yere ne no, ɛfiri sɛ ɔse: Anyɛ saa a, Rebeka nti ɛhafoɔ bɛku me; ɛfiri sɛ ne ho yɛ fɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na ɛhɔfoɔ no bisaa no ne yere ho asɛm no, ɔkaa sɛ: Me nua ne no. Na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ: Me yere ne no, ɛfiri sɛ ɔse: Anyɛ saa a, Rebeka nti ɛhafoɔ bɛku me; ɛfiri sɛ ne ho yɛ fɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Bere a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkae se, “Ɔyɛ me nuabea.” Efisɛ na osuro sɛ ɔbɛka se, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na osusuw sɛ, esiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ nti, anhwɛ a na kurom hɔ mmarima akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛberɛ a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ me nuabaa.” Ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛsiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ enti, anhwɛ a, na kurom hɔ mmarima akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na ɛhɔfo no bisaa no ne yere ho asɛm no, ɔkae sɛ: Me nua ne no. Na osuroe sɛ, ɔbɛka sɛ: Me yere ne no, efisɛ ose: anyɛ saa a, Rebeka nti ɛhafo bekum me; efisɛ ne ho yɛ fɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 26:7
15 Iomraidhean Croise  

Na ɔreyɛ aduru Misraim asase soɔ no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ, menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ,


Enti ka sɛ, me nua ne wo, na wo nti wɔayɛ me yie, na matena ase.


Na Farao atitire hunuu no, na wɔkɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, na wɔbɛfaa ɔbaa no kɔɔ Farao fie.


Na Abraham kaa sɛ: Ɛfiri sɛ mesusuu sɛ, ampa Onyankopɔn ho suro nni ha yi, na me yere nti wɔbɛku me.


Ɛhɔ Abraham kaa ne yere Sara ho sɛ: Ɔyɛ me nuabaa. Na Gerar hene Abimelek soma maa wɔbɛfaa Sara.


Ɛnyɛ ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Me nua ne no? Na ɔbaa no nso kaa sɛ: Me nua ne no. M’akomam kann ne me tirim fitaa na mede meyɛɛ yei.


Na ababaa no ho yɛ fɛ sɛ, ɔyɛ ɔbaabunu ɛfiri sɛ na ɔbarima biara nhunuu no da. Na ɔkɔɔ asubura no mu kɔhyɛɛ n’ahina ma, na ɔbae.


Na ɔkyɛree hɔ no, Filistifoɔ hene Abimelek hwɛɛ mpomma mu hunui, na hwɛ, Isak ne ne yere Rebeka rewewe.


Na Lea animma yɛ nketewa, na Rahel ho yɛ fɛ, na n’anim yɛ nyam.


Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.


Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu.


Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛdeɛ Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho maeɛ maa no,


Monnnidi atorɔ nnkyerɛkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ moayi onipa dada no ne ne nneyɛɛ agu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan