Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 26:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na wɔfirii hɔ kɔtuu abura foforɔ, na ɛno deɛ, wɔampere, enti ɔtoo no din Rehobot, na ɔkaa sɛ: Afei deɛ AWURADE ama yɛn mu atrɛ, na yɛadɔre wɔ asase yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na wɔfirii hɔ kɔtuu abura foforɔ, na ɛno deɛ, wɔampere, enti ɔtoo no din Rehobot, na ɔkaa sɛ: Afei deɛ AWURADE ama yɛn mu atrɛ, na yɛadɔre wɔ asase yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Isak gyaw saa abura no hɔ kotuu abura foforo. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Eyi maa Isak too saa abura yi din Rehobot a ase ne “Afei de Awurade abɔ yɛn atenase na yebenya yɛn ho wɔ asase yi so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Isak gyaa saa abura no hɔ kɔtuu abura foforɔ. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Yei maa Isak too saa abura yi edin Rehobot a aseɛ ne “Afei deɛ Awurade abɔ yɛn atenaseɛ na yɛbɛnya yɛn ho wɔ asase yi so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na wotutuu hɔ kotuu abura foforo, na ɛno de, wɔampere, enti ɔtoo no din Rehobot, ase ne: Prama so, na ose: Afei de Awurade atrɛw mu ama yɛn, na yɛadɔ wɔ asase yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 26:22
11 Iomraidhean Croise  

Na mɛma woadɔ pii pa ara, na mɛyɛ wo aman, na ahemfo afiri wo mu.


Na wɔtuu asubura foforɔ, na ɛno ho nso wɔpereperee, enti ɔfrɛɛ no Sitna.


Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wo nnɔ, na ɔmma wo nyɛ bebree, na woayɛ aman asafo;


Na ɔtoo deɛ ɔtɔ so mmienu no din Efraim, ɛfiri sɛ ɔse: Onyankopɔn ama madɔ wɔ m’amanehunu asase yi so.


Mefiri ahohia mu mefrɛɛ AWURADE, na AWURADE gyee me so, deɛ ɛhɔ trɛ.


Metu wo mmara nsɛm kwan so mmirika, na wotrɛ m’akomam.


Na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ, ɔgyee me, ɛfiri sɛ mesɔɔ n’ani.


Me sufrɛ mu gye me so, me tenenee Nyankopɔn. Ahohia mu, woboaa me. Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.


Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔree bebree, na wɔn ase kyenee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.


Ma wo ntomadan mu ntrɛ, na wɔntwe wo tenabea ho nkataho no mu, nnodo ho. Ma wo ntampehoma nware, na ma wo mpɛɛwa ntintim.


Na wobɛtrɛtrɛ akɔ nifa ne benkum, na w’asefoɔ afa amanaman no, na woama wɔatenatena nkurofo so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan