Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 26:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Isak duaa mfudeɛ wɔ asase no so, na ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho ɔha; afirinhyia no ara mu ɛfiri sɛ AWURADE hyiraa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Isak duaa mfudeɛ wɔ asase no so, na ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho ɔha; afirinhyia no ara mu ɛfiri sɛ AWURADE hyiraa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Saa afe no ara Isak dɔw afuw. Na Awurade hyiraa nʼadwumade so. Ne nnɔbae baa bebree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Saa afe no ara Yakob dɔɔ afuo. Na Awurade hyiraa nʼadwumadeɛ so. Ne nnɔbaeɛ baa bebree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Isak duaa mfude wɔ asase no so, na onyaa nnɔbae mmɔho ɔha afirihyia no ara mu, na Awurade hyiraa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 26:12
18 Iomraidhean Croise  

Na Abraham abɔ akɔkoraa, na wadi nna pii, na AWURADE ahyira no ade nyinaa mu.


Na AWURADE ahyira me wura pii na wayɛ ɔkɛseɛ. Na wama no nnwan ne anantwie, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa, ne yoma ne mfunumu.


Na Abraham wuo akyiri no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak. Na Isak tenaa Lahai-roi abura no ho.


sɛ worenyɛ yɛn bɔne biara; sɛdeɛ yɛanka woɔ, na yɛayɛ wo papa nko ara, na yɛagya wo kwan asomdwoeɛ mu no. Afei wone deɛ AWURADE ahyira no.


Tena asase yi so sɛ ɔhɔhoɔ, na mɛdi w’akyi na mahyira wo, ɛfiri sɛ wo ne w’asefoɔ na mede nsase yi nyinaa bɛma mo, na mɛma ntam a mekaa w’agya Abraham no agyina.


Mebaa wo nkyɛn no, na deɛ wowɔ no sua, na afei aseɛ atrɛ ayɛ pii, na AWURADE ahyira wo baabiara a mefa. Na afei da bɛn na menhwɛ me fie nso?


Na AWURADE hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ, na ɔnyaa nnwan mpemdunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.


Asase abɔ n’aduane, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn bɛhyira yɛn.


Asase no so aburoofuo bɛduru mmepɔ atifi, ɛso aba bɛwoso sɛ Lebanon, na nkuro no asoa sɛ asase so nwira.


AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefoɔ, na ɔmfa awerɛhoɔ nka ho.


Gu w’aba anɔpa, na anwummerɛ nso nyi wo nsa mfiri ho; na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, yei anaa yei, anaasɛ ne mmienu nyinaa bɛbom ayɛ yie.


Na deɛ wɔdua no asomdwoeɛ mu, obobe, bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na ɔsoro bɛtɔ ne bosuo, na mɛma ɔman yi nkaeɛ afa yeinom nyinaa adi.


Na deɛ wɔguu no asase pa mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔte aseɛ; ɔno na ɔso aba, ebi so ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Na ebi nso kɔguu asase pa mu; na ɛsoo aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii kɔɔ so nyinii na ɛtrɛe na ɛsoe, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha.


Me deɛ, meduae, Apolo guguu so nsuo, nanso Onyankopɔn na ɔmaa no nyiniiɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan