Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 24:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 na ɔbɛka akyerɛ me sɛ: Nom, na menkɔsa bi memmrɛ wo yoma no nso no, ma ɔno ara nyɛ ɔbaa a AWURADE ayi no ama me wura ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

44 na ɔbɛka akyerɛ me sɛ: Nom, na menkɔsa bi memmrɛ wo yoma no nso no, ma ɔno ara nyɛ ɔbaa a AWURADE ayi no ama me wura ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 na sɛ ɔka se, “Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom” a, ɔnyɛ ababaa a Awurade apaw no ama me wura Abraham babarima Isak no.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 na sɛ ɔka sɛ, “Nom bi, na mɛma wo nyoma no nso bi anom” a, ɔnyɛ ababaawa a Awurade apa no ama me wura Abraham babarima Isak no.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

44 na ɔbɛka akyerɛ me sɛ: Nom, na menkɔsaw bi memmrɛ wo yoma no nso no, ma ɔno ara nyɛ ɔbea a AWURADE ayi no ama me wura ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 24:44
11 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE Nyankopɔn de mpadeɛ a ɔyi firii onipa no mu no yɛɛ ɔbaa, na ɔde no brɛɛ onipa no.


Na ma no mmra sɛ ababaa a mɛse no sɛ: Soɛ w’ahina ma mennom nsuo no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no anom bie no, ma ɔno ara nyɛ deɛ woayi no ama w’akoa Isak, na ɛno mu na mɛhunu sɛ woayɛ me wura adɔeɛ.


hwɛ, megyina asubura yi ho, na ma no mmra sɛ ababaa a ɔbɛfiri abɛsa nsuo no, na mɛse no sɛ: Mesrɛ wo, ma me w’ahina yi mu nsuo kakra mennom,


Na mennya menwiee m’akoma mu kasa no, hwɛ, Rebeka firii adi bae a ahina si ne mmatiri soɔ, na ɔkɔɔ abura no mu kɔsaa nsuo. Na mesee no sɛ: Mesrɛ wo, ma me bi mennom.


Srɛ so na wɔtwe tonto, na atemmuo nyinaa firi AWURADE.


Deɛ wanya yerɛ no, wanya adepa, na wanya AWURADE hɔ anisɔ.


Efie ne ahodeɛ yɛ agyanom awunnyadeɛ, na ɔyere nimdefoɔ firi AWURADE.


Na ɔdɛɛfoɔ dwene ayamyɛ, na ayamyɛ ara na ɔde gyina.


na mmom nnwuma pa a ɛsɛ mmaa a wɔyi onyamesom kyerɛ mu.


Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ.


N’awieeɛ ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkorɔ, monhunu mmema mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmema mo ho, monnwene ahobrɛaseɛ adwene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan