Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 24:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔmaa ne yoma no butuu kuro no kurotia wɔ asubura bi ho anwummerɛ a mmaa bɛsa nsuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔmaa ne yoma no butuu kuro no kurotia wɔ asubura bi ho anwummerɛ a mmaa bɛsa nsuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Oduu Nahor kurotia no, ɔmaa yoma no butubutuw abura bi a ɛwɔ hɔ no ho. Na onwini adwo a ɛyɛ bere a mmea bɛtow nsu wɔ abura no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔduruu Nahor kurotia no, ɔmaa nyoma no butubutuu abura bi a ɛwɔ hɔ ho. Na onwunu adwo a ɛyɛ ɛberɛ a mmaa bɛto nsuo wɔ abura no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔmaa ne yoma no butuw kurow no kurotia wɔ asubura bi ho anwummere a mmea bɛsaw nsu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 24:11
10 Iomraidhean Croise  

Na mebaa asubura no ho nnɛ kaa sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wo ara worema me kwan a meretuo yi ayɛ dwoodwoo a,


Na ɔhunui asubura bi wɔ wiram, na hwɛ, nnwankuo mmiɛnsa boaboa ho wɔ hɔ, ɛfiri sɛ abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwankuo no nom, na ɔboɔ kokuroo da abura no ano.


Na Farao tee asɛm yi no, anka ɔrehwehwɛ Mose aku no, nanso Mose dwane firii n’anim kɔtenaa Midian asase so wɔ subura bi ho.


Nso na Midian sɔfoɔ wɔ mmammaa baason; na wɔba bɛtoo nsuo de hyehyɛɛ adaaseɛ no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nnwan anom.


Ɔteneneeni bu n’afieboa kra, na abɔnefoɔ ayamyɛ yɛ atirimuɔden.


Na ɔbaa bi a ɔfiri Samaria baa hɔ bɛtoo nsuo. Yesu see no sɛ: Ma me bi mennom!


Deɛ anka apereperefoɔ team wɔ anomeeɛ no, ɛhɔ ara na wɔnkamfo AWURADE tenenee, ne nnisoɔ tenenee Israel mu. Ɛno na AWURADE man siane kɔɔ kuro no apono mu.


Na wɔreforo kuro no aforoeɛ no, wɔhunuu mmabaa a wɔrefiri abɛsa nsuo. Na wɔbisaa mmabaa no sɛ: Ɔdehunufoɔ no wɔ hɔ anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan