Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 23:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 na ɔmfa Makpela bodan a ɛyɛ ne deɛ, na ɛwɔ n’afuo ano no mma me; ɔnnye me n’abotene na ɔmfa mma me, na mennya asieeɛ wɔ mo ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 na ɔmfa Makpela bodan a ɛyɛ ne deɛ, na ɛwɔ n’afuo ano no mma me; ɔnnye me n’abotene na ɔmfa mma me, na mennya asieeɛ wɔ mo ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 na ɔntɔn Makpela ɔboda a ɛwɔ nʼafuw ano no mma me. Monka nkyerɛ no na ɔntɔn no sɛnea ne bo di pɛpɛɛpɛ mma me, na mede hɔ ayɛ me ne mʼabusuafo amusiei.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 na ɔntɔn Makpela ɔboda a ɛwɔ nʼafuo ano no mma me. Monka nkyerɛ no na ɔntɔn no sɛdeɛ ne boɔ die pɛpɛɛpɛ mma me, na mede hɔ ayɛ me ne mʼabusuafoɔ amusieeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 na ɔmfa Makpela ɔbodan a ɛyɛ ne de, na ɛwɔ n'afuw ano no mma me; na onnye me n'aboten na ɔmfa mma me, na minnya asiei wɔ mo ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 23:9
10 Iomraidhean Croise  

Na Efron te Het mma no mu. Na Hetini Efron buaa Abraham maa Het mma no tee wɔ wɔn a wɔhyɛne ne kuro pono mu no nyinaa anim sɛ:


Meyɛ mo nkyɛn hɔhoɔ ne mamfrani, momma me amusiebea wɔ mo nkyɛn, na mensie m’amu yi ma no mfiri m’ani so.


na ɔne wɔn kasaa sɛ: Sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ mesie m’amu yi ma no firi m’ani so a, montie me, na monsrɛ Efron, Sohar ba, mma me,


afuo a Abraham tɔɔ no Het mma nsam no. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara.


Na ɔhyɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka kumaa bi na maka m’ani agu so. Monkɔsie me me nananom nkyɛn, wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hetini Efron afuo mu no mu,


Na ne mma soaa no kɔɔ Kanaan asase so kɔsiee no wɔ Makpela afuo so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentensoɔ a Abraham tɔɔ ɛne afuo no wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asieeɛ no mu.


Na Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Fa ayuporebea yi ma me na mensi so afɔrebukyia memma AWURADE. Fa ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na wɔasi ɛhaw no kwan afiri ɔman no so.


Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Dabi, na tɔ ara na mɛtɔ no sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na meremfa adeɛ a ɛyɛ wo deɛ memma AWURADE, sɛ mede adeɛ a mammɔ ho ka bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwene nnoɔma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim!


Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na deɛ ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan