Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 22:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na Abraham se: Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ adwammaa no. Na wɔn baanu kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na Abraham se: Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ adwammaa no. Na wɔn baanu kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Abraham buae se, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔre guan no a yɛde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no.” Na wɔn baanu no toaa so kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Abraham buaa sɛ, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔredwan a yɛde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.” Afei, wɔn baanu no toaa so kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na Abraham se: Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ ɔhyew afɔre aguammaa no. Na wɔn baanu kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 22:8
14 Iomraidhean Croise  

Biribi yɛ AWURADE yɛna anaa? Berɛ a mahyɛ no, mɛsane aba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no na Sara anya ɔba.


Na Abraham too bea hɔ din sɛ: Yahwe-yir’e. Enti wɔka no nnɛ ara sɛ: AWURADE bepɔ so na wɔbɛhwɛ.


Na Isak ka kyerɛɛ n’agya Abraham sɛ: M’agya! Na ɔse: Menie, me ba. Na ɔse: Hwɛ, ogya ne nnyina nie, na adwammaa a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he?


Na wɔkɔduruu deɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no hɔ, na Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsiesiee nnyina no, na ɔkyekyeree ne ba Isak, na ɔde no too afɔrebukyia no so wɔ nnyina no so.


Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ɛ, AWURADE asoma me Yordan ano. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔn baanu no kɔe.


Ɛnna Amasia bisaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na ɛdeɛn na yɛnyɛ dwetikɛseɛ ɔha a mede ama Israel asafo no? Na Nyankopɔn nipa no se: Ɛwɔ AWURADE nsam sɛ ɔbɛma wo adeɛ pii asene yei.


Na Yesu hwɛɛ wɔn, see wɔn sɛ: Onipa fam na yei ntumi nyɛ hɔ, na Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.


Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.


Na ɔhunuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn adwammaa no nie!


Na wɔn a wɔte asase soɔ nyinaa bɛkoto no, wɔn a wɔamfiri wiase asehyɛ antwerɛ wɔn din Adwammaa a wɔkumm no no nkwa nwoma mu no.


na wɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Adwammaa a wɔkumm no no fata sɛ ɔgye tumi, ne ahonya, ne nyansa, ne ahoɔden, ne anidie, ne animuonyam ne nhyira.


Na mehwɛe, na ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ntam ne mpanimfoɔ no ntam no, adwammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛdeɛ wɔaku no. Ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson a wɔasoma wɔn kɔ asase nyinaa soɔ no.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan