Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 22:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: Mo ne afunumu yi ntena ha; na me ne abarimaa yi bɛkɔ nohoa akɔsɔre, na yɛasane aba mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: Mo ne afunumu yi ntena ha; na me ne abarimaa yi bɛkɔ nohoa akɔsɔre, na yɛasane aba mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no se, “Mo ne afurum no ntwɛn wɔ ha, na me ne abarimaa no nkɔ anim kakra nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsan aba.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, “Mo ne afunumu no ntwɛn ha, na me ne abarimaa no nkɔ animu kakra, nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsane aba.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne mmofra no sɛ: Mo ne afurum yi ntena ha, na me ne abarimaa yi bɛkɔ noho akɔsɔre, na yɛasan aba mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 22:5
6 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Abraham sane baa ne mmeranteɛ no nkyɛn, na wɔsɔre sii mu baa Beer-seba. Na Abraham tenaa Beer-seba.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu beaeɛ hɔ wɔ akyirikyiri.


Na Abraham faa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina no de soaa ne ba Isak, na ɔfaa ogya ne sekan kurae, na wɔn baanu kɔe.


Na ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: Mo deɛ, montena ha ntwɛn yɛn nkɔsi sɛ yɛbɛsane aba mo nkyɛn; na hwɛ, Aaron ne Hur ne mo na ɛwɔ hɔ; sɛ obi wɔ asɛm bi di a, momma no mmra wɔn nkyɛn.


Ɔsusuu sɛ Onyankopɔn bɛtumi anyane no afiri awufoɔ mu mpo. Ɛhɔ nso na ɔnyaa no bio, akasabebuo mu.


Saa nti yɛn nso, ɛnam sɛ yɛwɔ adansefoɔ pii a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛnto adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na ɛtwa yɛn ho hyia si yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansie a ɛda yɛn anim no mu mmirika,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan