Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 22:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu beaeɛ hɔ wɔ akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu beaeɛ hɔ wɔ akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ne nnansa so no, Abraham too nʼani huu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ne nnansa so no, Abraham too nʼani hunuu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na da a ɛto so abiɛsa no, Abraham maa n'ani so, na ohuu beae hɔ wɔ akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 22:4
19 Iomraidhean Croise  

Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no.


Na Abraham ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: Mo ne afunumu yi ntena ha; na me ne abarimaa yi bɛkɔ nohoa akɔsɔre, na yɛasane aba mo nkyɛn.


Sane kɔka kyerɛ Hesekia, me man so hwɛfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo, hwɛ, me na mɛsa wo yadeɛ. Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wobɛforo akɔ AWURADE fie.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmaa atadeɛ, na ɔkɔgyinaa ahemfie emu fam abannwa so, ɔhene dan no ntentensoɔ. Na ɔhene no te n’ahennwa so wɔ ahemfie, efie no pono ano ntentensoɔ.


Ɛnna Mose maa Israel tu firii Mmɛwa Po ho, na wɔfiri hɔ kɔɔ Sur serɛ so; na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa, na wɔnnya nsuo.


na wɔnsiesie wɔn ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na saa da no, AWURADE bɛsiane ɔman no nyinaa anim aba bepɔ Sinai so.


Na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsiesie mo ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no. Monnkɔ mo yerenom ho.


Na wɔse: Hebrifoɔ Nyankopɔn abɛhyia yɛn; enti ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan, na yɛnkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn afɔdeɛ, na wamfa owuyadeɛ anaa nkrantɛ ammɛtua yɛn.


Nnanu akyiri no ɔbɛma yɛanya nkwa, da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa.


na afɔdeɛ no nam a ɛbɛka akɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔmfa ogya nhye.


Ɛnna wɔtutu firii AWURADE bepɔ no ho nantee nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekyerɛ wɔn asoɛeɛ;


ɔno na ɔmfa yei nnwira ne ho mfiri ne bɔne mu da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ne ho ate; na sɛ wannwira ne ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no a, ne ho rente.


Na deɛ ne ho teɛ no mpete ngu deɛ ne ho nteɛ no so, da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ɔnnwira ne ho da a ɛtɔ so nson no, na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho ate anwummerɛ.


Na mo ara nso, mommɔ nsraban ntena mu nsraban no akyi nnanson; mo mu biara a wakum obie ne obiara a waka ɔtɔfoɔ no, monnwira mo ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, mo ne mo nnommum no.


na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛnyane. Na ɛyɛɛ wɔn awerɛho pii.


Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔka nkyerɛ sakraman no sɛ: Hwɛ, metu ahonhommɔne, na mesa yadeɛ nnɛ ne ɔkyena, ne n’adekyeeɛ na mawie.


Na wɔsiee no, na ne nnansa soɔ no wɔnyanee no, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.


Momfa nsraban no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Monsiesie akwansoduane nsie, na ɛha yi nnansa morebɛtwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no.


Na Dawid sene kɔɔ ɔfa nohoa, na ɔkɔgyinaa bepɔ no atifi wɔ akyirikyiri a kwan pa ara da wɔn ntam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan