Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 22:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafurum. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Otwitwaa ogya a ɛbɛso ɔhyew afɔre no bɔ no, osii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafunumu. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Ɔtwitwaa egya a ɛbɛso ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔsiim kɔɔ baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n'afurum, na ɔfaa ne mmofra mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na otwaa ɔhyew afɔre nnyina, na osiim kɔɔ nea Onyankopɔn kyerɛɛ no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 22:3
16 Iomraidhean Croise  

Na Abraham faa ne ba Ismael ne wɔn a wɔawo wɔn wɔ ne fie ne wɔn a ɔde ne sika tɔɔ wɔn nyinaa, Abraham fiefoɔ mu mmarima nyinaa, na ɔtwitwaa wɔn twetia da no ara, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.


Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduane ne nsuo kotokuo, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ɔmaa no ne abɔfra no kɔe. Na ɔkɔe kɔkyinkyinii Beer-seba serɛ so.


Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ woatie me nne.


Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu beaeɛ hɔ wɔ akyirikyiri.


Meyɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ mɛdi wo mmara nsɛm soɔ.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me,


Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani.


sɛ ɔbɛda ne Ba adi me mu no, sɛ menka ne ho asɛmpa menkyerɛ amanaman no, ntɛm ara mene honam ne mogya antu agyina,


Gyidie na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde setie firi kɔɔ baabi a daakye ɔbɛnya hɔ sɛ agyapadeɛ, na ɔfirii adi a na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ.


Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa.


Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanimfoɔ foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan