Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 22:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na Betuel woo Rebeka. Nnipa baawɔtwe yi na Milka wo maa Abraham nua Nahor.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na Betuel woo Rebeka. Nnipa baawɔtwe yi na Milka wo maa Abraham nua Nahor.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Betuel bɛyɛɛ Rebeka nʼagya. Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmabarima baawɔtwe yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Saa Betuel yi na ɔwoo Rebeka. Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmammarima baawɔtwe yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na Betuel woo Rebeka. Nnipa baawɔtwe yi na Milka wo maa Abraham ne nua Nahor.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 22:23
13 Iomraidhean Croise  

Na Abram ne Nahor waree yerenom, Abram yere din de Sarai, na Nahor yere din de Milka a ɔyɛ Haran babaa. Na Haran yɛ Milka ne Iska agya.


ne Kesed ne Haso ne Pildas ne Yidlaf ne Betuel.


Na ne mpena baako bi a wɔfrɛ no Rehuma nso woo Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.


Na ɔnnya nwiee kasa no, hwɛ, Rebeka baeɛ a n’ahina si ne batiri so. Ɔyɛ Betuel a ɔyɛ Abraham ne nua Nahor yere Milka ba.


Na ɔbuaa no sɛ: M’agya ne Betuel a ɔyɛ Nahor ne Milka ba no.


Na mebisaa no sɛ: Hwan ba ne wo? Na ɔse: M’agya ne Betuel a ɔyɛ Nahor ne Milka ba no. Na mede ɛhwenemkaa no mesɛnee ne hwenem, na mede nkapo no mehyehyɛɛ ne nsa,


Hwɛ, Rebeka na ɔgyina w’anim yi, fa no kɔ ma no nkɔyɛ wo wura ba yere, sɛdeɛ AWURADE aka no.


Na wɔhyiraa Rebeka see no sɛ: Yɛn nuabaa, dane mpem du ahodoɔ mpem mpem, na w’asefoɔ mfa wɔn atamfoɔ apono nni.


Na Isak de no kɔɔ ne na Sara ntomadan mu, na ɔwaree Rebeka, na ɔyɛɛ no ɛyerɛ, na ɔdɔ no. Na Isak werɛ kyekyeree, ne na wuo no akyi.


Na Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka, Aramni Betuel ba a ɔfiri Mesopotamia no ne Aramni Laban nua.


Sɔre kɔ Mesopotamia kɔ wo na n’agya Betuel fie, na kɔware wɔ wo na nua Laban mmammaa mu bi.


Na Isak gyaa Yakob kwan, na ɔkɔɔ Mesopotamia wɔ Aramni Betuel ba Laban a ɔyɛ Yakob ne Esau wɔn na Rebeka nuabarima no nkyɛn.


Na ɛnyɛ yei nko, na Rebeka nso ne ɔbaakofoɔ a ɔne yɛn agya Isak no nyinsɛneeɛ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan