Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 22:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woayɛ saa asɛm yi, na woankame me wo ba korɔ no nti, maka me ho ntam sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woayɛ saa asɛm yi, na woankame me wo ba korɔ no nti, maka me ho ntam sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Maka me ho ntam se, esiane sɛ woayɛ eyi, na woamfa wo ba, wo ba koro no ankame me nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Maka me ho ntam sɛ, ɛsiane sɛ woayɛ yei, na woamfa wo ba, wo ba korɔ no ankame me enti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ woadi saa asɛm yi, na woankame me wo ba koro no nti, maka me ho ntam sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 22:16
22 Iomraidhean Croise  

Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira.


Na ɔse: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee. Afei na mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba korɔ no.


Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ Abraham bio sɛ:


Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so.


Tena asase yi so sɛ ɔhɔhoɔ, na mɛdi w’akyi na mahyira wo, ɛfiri sɛ wo ne w’asefoɔ na mede nsase yi nyinaa bɛma mo, na mɛma ntam a mekaa w’agya Abraham no agyina.


ɛfiri sɛ Abraham tiee me nne, na ɔdii me nsiesieeɛ, me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ ne me mmara so.


sɛdeɛ ɔne Abraham pameeɛ no ne ne ntam a ɔkaa Isak no.


apam a ɔne Abraham pameeɛ no ne ne ntam a ɔkaa Isak no,


na ɔkaa sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bɛdi ako firi awoɔ ntoatoasoɔ so de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.


Na Onyankopɔn tee wɔn apinisie no, ɔkaee n’apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pameeɛ no.


Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ara wo ntam see wɔn sɛ: Mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede bɛma w’asefoɔ na wɔadi so akɔsi daa no.


Maka me ho ntam, tenenee anomu na asɛm afire, na ɔrensane, sɛ: Me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me, na tɛkyerɛma nyinaa aka me ntam.


Na sɛ moantie nsɛm yi a, ɛnneɛ maka me ho ntam, AWURADE asɛm nie, sɛ efie yi bɛdane fituo.


Saa nti montie AWURADE asɛm, Yudafoɔ a mote Misraim asase soɔ nyinaa: Hwɛ, maka me din kɛseɛ no ntam sɛ, AWURADE asɛm nie, wɔremmɔ me din Yudani biara anomu wɔ Misraim asase nyinaa so sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn te aseɛ yi!


Na maka me ho ntam, AWURADE asɛm nie, sɛ Bosra bɛdane ahodwirideɛ, nsopa, amamfo ne nnome, na ne nkuro nyinaa ayeyɛ daa amamfo.


Asafo AWURADE aka ne ho ntam sɛ: Ampa ara, mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ, na wɔabɔ wo so se.


Na mebɛsianee wo ho na mehunuu wo, na hwɛ, ɛyɛ wo berɛ, ɔdɔ berɛ; na mede me ntaban metrɛɛ wo so, na mekataa w’adagya so, na mekaa wo ntam, na me ne wo yɛɛ apam, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na woyɛɛ me deɛ.


AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam, AWURADE, (asafo Nyankopɔn, asɛm nie): Me deɛ, mekyi Yakob ahantan, na metane n’aban denden no, na mɛyi kuro no ne ne mayɛ ama.


Fa nokorɛ kyerɛ Yakob, yi adɔeɛ kyerɛ Abraham, sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi tete nteredee nna mu no.


Ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan