Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 21:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na abɔfra no nyinii, na wɔtwaa no nufoɔ. Na da a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too pono kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na abɔfra no nyinii, na wɔtwaa no nufoɔ. Na da a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too pono kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Abofra no nyin ma wotwaa no nufu. Da a wotwaa Isak nufu no, Abraham too pon kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Abɔfra no nyiniiɛ, ma wɔtwaa no nufoɔ. Ɛda a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too ɛpono kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na abofra no nyinii, na wotwaa no nufu. Na da a wotwaa Isak nufu no, Abraham tow pon kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 21:8
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔsrɛɛ wɔn dendeenden. Na wɔmanee ne nkyɛn baa ne fie, na ɔtoo wɔn pono, na ɔtoo apiti maa wɔdii.


Na ɔse: Hwan na anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ Sara bɛma mma nufoɔ? Nanso hwɛ, mawo ba ama no ne nkɔkoraaberɛ mu.


Na Sara hunuu Misraimni Hagar ba a ɔwo maa Abraham no sɛ ɔredi fɛw.


Na ɔtoo wɔn pono, na wɔdidi nomee.


Na Laban boaboaa kurom hɔfoɔ nyinaa ano, na ɔtoo pono.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛyɛ Farao awoda no, ɔtoo ne nkoa nyinaa pono, na ɔyii nsahyɛfoɔ panin ne paanootofoɔ mu panin no de wɔn baa ne nkoa anim;


Na Abner baa Dawid nkyɛn Hebron a nnipa aduonu ka ne ho. Na Dawid too Abner ne mmarima a wɔka ne ho no pono.


Na Salomo nyanee, na hwɛ, ɛyɛ daeɛ. Na ɔbaa Yerusalem, na ɔbɛgyinaa AWURADE apam adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔtoo ne nkoa nyinaa pono.


n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho.


Ampa, madwodwo me kra mama no ayɛ komm, sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ a ɔwɔ ne na ho; aane me kra te sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ


Na ɔtwaa Lo-Ruhama nufoɔ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin.


Na n’agya sii mu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn, na Samson too pono wɔ hɔ, ɛfiri sɛ saa na na mmeranteɛ taa yɛ.


Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Merebɛto mo aborɔme bi. Sɛ motumi kyerɛ me aseɛ nnanson apontoɔ yi mu na mohunu a, ɛnneɛ mɛma mo nkamisaa aduasa ne ntadeɛ nsakyeraho aduasa;


Na Hana deɛ, wankɔ, na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Gye sɛ abɔfra no atwa nufoɔ ansa na mede no akɔ, na wakɔpue AWURADE anim, na watena hɔ daa.


Na ɔtwaa no no, ɔfaa no kaa ne ho de nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam efa baako ne bobesa kotokuo ma de no baa AWURADE fie Silo. Na abɔfra no sua.


Na Abigail kɔɔ Nabal nkyɛn, na hwɛ, wato ne ho pono ne fie hɔ sɛ ɔhene pono na Nabal ani agye ne ho, na waboro titaa. Na wanka no hwee kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan