Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 21:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔse: Hwan na anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ Sara bɛma mma nufoɔ? Nanso hwɛ, mawo ba ama no ne nkɔkoraaberɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na ɔse: Hwan na anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ Sara bɛma mma nufoɔ? Nanso hwɛ, mawo ba ama no ne nkɔkoraaberɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Sara ka kaa ho se, “Hena na ɔsoo ho dae ka kyerɛɛ Abraham se Sara bɛwo mma. Nanso ne nkwakoraabere mu yi, mawo ɔbabarima ama no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Sara ka kaa ho sɛ, “Hwan na ɔsoo ho daeɛ ka kyerɛɛ Abraham sɛ, Sara bɛwo mma. Nanso, ne nkɔkoraaberɛm yi, mawo ɔbabarima ama no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na ose: Hena na anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ: Sara bɛma mma nufu? Nanso hwɛ, mawo ba ama no, ne nkwakorabere mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 21:7
15 Iomraidhean Croise  

Na Abraham de n’anim butuu fam seree, na ɔkaa no n’akomam sɛ: Yee! Wɔbɛwo ɔba ama deɛ wadi mfirinhyia ɔha, na Sara a wadi mfeɛ aduɔkron no bɛwo anaa?


Na AWURADE bisaa Abraham sɛ: Adɛn nti na Sara seree sɛ: Ampaneampa ara manyini yi mɛwo ɔba?


Na abɔfra no nyinii, na wɔtwaa no nufoɔ. Na da a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too pono kɛseɛ.


Na Tapenes nua woo ne babarima Genubat maa no, na Tapenes twaa no nufoɔ Farao fie, na Genubat wɔ Farao fie, Farao mma mu.


Na mesɔree anɔpa sɛ merema me ba nufoɔ no, na hwɛ, wawu. Na mehwehwɛɛ ne ho anɔpa no, na hwɛ, ɛnyɛ me ba a mewoo no a.


Na woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ, wo nkutoo ne Onyankopɔn.


Obiara nte sɛ wo, anyame mu, AWURADE, na biribiara nte sɛ wo nnwuma.


Na wobɛka no w’akoma mu sɛ: Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na me deɛ, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonini, wɔtuu me kɔe, na wɔsunsum me; na yeinom deɛ, hwan na ɔyɛnee wɔn? Hwɛ, me deɛ, ɛkaa me nko, ɛno mu no na yeinom wɔ he?


Hwan na wate yei bi pɛn? Hwan na wahunu yei bi da? Wɔkyem wo asase da koro, anaasɛ wɔwo ɔman prɛko? Ɛfiri sɛ awoɔ kaa Sion ara pɛ na ɔwoo ne mma.


Nnome nka onipa a ɔde asɛmpa no brɛɛ m’agya sɛ: Wɔawo ɔbabarima ama wo! na ɔde maa n’ani gyee pii no.


Ampa ara, adebisa nni Yakob mu, na nkɔmhyɛ nni Israel mu: Afei na wɔbɛka wɔ Yakob ne Israel ho sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn ayɛ yi!


sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ a ɛwɔ soro hɔnom nhunu Nyankopɔn nyansa bebree no,


ɛberɛ a ɛbɛba sɛ wɔnhyɛ no animuonyam n’ahotefoɔ mu. Na wɔnhwɛ n’anwanwadeɛ wɔ wɔn a wɔagye adie nyinaa mu, ɛfiri sɛ wɔagye yɛn adanseɛ a yɛdii mo no adi, ɛda no ara mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan