Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 21:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Abraham too ɔba a Sara wo maa no no din Isak.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Abraham too ɔba a Sara wo maa no no din Isak.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Abraham too ɔbabarima a Sara woo no maa no no din Isak, a ase ne Serew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Abraham too ɔbabarima a Sara woo no maa no no edin Isak, a aseɛ ne Sereɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Abraham too ɔba a Sara wo maa no no din Isak.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 21:3
11 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ampaneampa, wo yere Sara bɛwo ɔba ama wo, na woato ne din Isak. Na mɛma me ne no apam no agyina ayɛ daa apam ama n’asefoɔ a ɛbɛdi n’akyire no.


Na m’apam deɛ, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo afeda sɛsɛɛ no na ɛbɛpam ama no agyina.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Mma abɔfra no ne w’afenaa asɛm no nnyɛ wo ya, na deɛ Sara ka kyerɛɛ woɔ nyinaa, tie, na Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.


Na Sara kaa sɛ: Onyankopɔn ama me sereɛ, obiara a ɔbɛteɛ no bɛsere ama me.


Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so.


Na yeinom ne Abraham ba Isak awoɔ ntoatoasoɔ: Abraham woo Isak.


Abraham woo Isak, na Isak woo Yakob, na Yakob woo Yuda ne ne nuanom.


Na ɔmaa no twetiatwa apam. Na ɔwoo Isak, na ne nnawɔtwe soɔ no, ɔtwaa no twetia, na Isak woo Yakob, na Yakob woo agyanom mpanimfoɔ dummienu no.


nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefoɔ nti, wɔn nyinaa yɛ Abraham mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.


Ɔno na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.


Na mefaa mo agya Abraham firii asuogya, na memaa no nantee Kanaan asase nyinaa so, na memaa n’asefoɔ dɔree, na memaa no Isak.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan