Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 21:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Sara nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛ mu, berɛ a Onyankopɔn kaa ne ho asɛm no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Sara nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛ mu, berɛ a Onyankopɔn kaa ne ho asɛm no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sara nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkwakoraabere mu, bere a Awurade hyɛɛ no bɔ no mu pɛpɛɛpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Sara nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛm, ɛberɛ a Awurade hyɛɛ no bɔ no mu pɛpɛɛpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Sara nyinsɛnee, na ɔwoo babarima maa Abraham ne nkwakorabere mu, bere a Onyankopɔn kaa no ho asɛm no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 21:2
12 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ampaneampa, wo yere Sara bɛwo ɔba ama wo, na woato ne din Isak. Na mɛma me ne no apam no agyina ayɛ daa apam ama n’asefoɔ a ɛbɛdi n’akyire no.


Na m’apam deɛ, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo afeda sɛsɛɛ no na ɛbɛpam ama no agyina.


Na wɔn mu baako kaa sɛ: Ampa ara, mɛsane maba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no, na wo yere Sara anya ɔba. Na Sara retie no ntomadan pono a ɛwɔ n’akyire no ano.


Biribi yɛ AWURADE yɛna anaa? Berɛ a mahyɛ no, mɛsane aba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no na Sara anya ɔba.


Na hwɛ, wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima ne mmerewa berɛ mu; na deɛ wɔfrɛ no obonini no, yei ne ne bosome a ɛtɔ so nsia;


Na ɔmaa no twetiatwa apam. Na ɔwoo Isak, na ne nnawɔtwe soɔ no, ɔtwaa no twetia, na Isak woo Yakob, na Yakob woo agyanom mpanimfoɔ dummienu no.


Ɛfiri sɛ bɔhyɛ asɛm no ni: Afeda sɛsɛɛ mɛba, na Sara anya ɔba.


Na wɔatwerɛ sɛ na Abraham wɔ mmammarima baanu, ɔbaako yɛ afenaa ba, na ɔbaako yɛ ɔdehyeɛ ba.


Gyidie na Sara nso de nyaa ahoɔden nyinsɛneeɛ, ɛberɛ a watra ne nyini mu, ɛfiri sɛ ɔbuu deɛ ɔhyɛɛ bɔ no nokwafoɔ.


Na mefaa mo agya Abraham firii asuogya, na memaa no nantee Kanaan asase nyinaa so, na memaa n’asefoɔ dɔree, na memaa no Isak.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan